Dako Ofei
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameDako Sesa
date of birth1967 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationartist Sesa

Ofei Dako (wɔwoo no 1967) Ghanani a ɛyɛ anaa ɔdrɔrɔ mfoni. Adeɛ a ɛhyɛ Ofei Dako nkuran wɔ n'adwuam mu pa ara ne n'amammerɛ a wɔde woo no na ɔda no adi wɔ ne nwuma mu ɛkankan sɛ ɔde akrɛlike akaadoo yɛ mfoni a.[1]

Dako Adwuma no baako nie: Faces

Asetena mu nsɛm sesa

Wɔwoo no afe 1967 wɔ Ghana. Ɔwiee sukuu wɔ afe apem aha nkron ne aduokron num (1995) mu wɔ Ghanatta College of Art and DesignNkran, Ghana. Ɔwɔ nwomasua abɔdin krataa National Diploma wɔ Mfoniniyɛ mu na ɔkyerɛɛ mfoniyɛ wɔde akaado ayɛ wɔ Ghanatta College of Art and Design firi afe afe apem aha nkron ne aduokron nsia (1996) kɔsi afe mpem mmienu ne mmienu (2002).

Saa mmerɛ yi nyinaa na ɔda so ara di ne mfoniyɛ anisoadehunu no akyi na na ɔsane nso sua adumfoɔ adwuma a Sir George Anan boaa no maa no nteteeɛ a wɔ Ivory Coast. Ne yere 'Adoley' nso yɛ mfoniyɛni.[2] Wɔasom sɛ Ghana Association Visual Artist no so panin no abadiakyire. Ɔde ne ho ahyɛ ɛhibihyin ahodoɔ mu wɔ Ghana ɛnkankan wɔ Ghana National Museum ne amannɔne nyinaa (United States ne South Africa).

Ɔyɛ Afrikani na ɛno ɛdidi ne mu ara ma wuhu sɛ ɛda adi wɔ ne nnwuma ɔyɛ anaa wɔayɛ mu.

Sɛdeɛ ɔyɛ adwuma sɛ mfoniyɛni sesa

Ɛsiane sɛ Ofei nkyi firi Ghana nti, Ghanafoɔ amammerɛ nyaa n'adwuma so nkɛntɛnsoɔ pa ara. Ɔtaa da n'atinka adi wɔ ne nnwuma wɔ ɔkwan a ɛnkyere so biara so na ɛda deɛ nti a Abibrem Atɔeɛ amammerɛ adi wɔ ɔkwan soronko so. Ɔtaa de kɔla ahodoɔ a ano adum ne finishe a ne su ayɛ sɛ adadeɛ su no da nsusuiiɛ a ɛnni nyinasoɔ de da anisoadehunu a ɛwɔ nnipa asetena mu wɔ ne da biara da asetena mu.

Ne nwuma a wɔayɛ no yɛ anika pa ara ɛfiri sɛ wɔ ne nnwuma no i mu no, ɔde tɛsecha di dwuma danedane no wɔ ɔkwan soronko so na afoforɔ mu nso wɔayɛ no te sɛ abɔriginefoɔ deɛ kakra. Darko kyerɛ sɛ, onipa tumi hunu adeɛ yie berɛ a wɔakata n'ani sene berɛ a n'ani gu soɔ no. Ɔhunu no sɛ, sɛ obi kata n'ani a, ɔtumi dwene pa ara na ɛma wotumi kɔ baabiara a wopɛ na wosane nso tumi yɛ biribiara a wopɛ sɛ w'ani hunu no. Sɛdeɛ ɔsom biara mu no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛdwenedwene biribi ho a yɛkata yɛn ani yɛ sa ara na ɛno de yɛn kɔ baabi a asomdwoeɛ ankasa wɔ.

Ɔno deɛ ɔka daa sɛ "ɔma nananom ahonhom boa no wɔ ne nnwuma a ɔyɛ mu". [2]

Ɛhibihyin Ahodoɔ sesa

Ofei Dako ayɛ ɛhibihyin ahodoɔ bi te sɛ Music Garnishes Art In The Garden Ɛhibihyin, Mfoniyɛ Ɛhibihyin wɔ Novotel Hotel [3] , National Museum Ɛhibihyin ne nyinaa wɔ Ghana, Amerika ne South Afric. AfriCAM. Contemporary art in Africa, Casoria (NA), Ɔpɛnimaa 5, 2009 ne Casoria International Contemporary Art Museum nso ɔyɛɛ ɛhibihyin wɔ hɔ.

Wɔda ne nwuma adi wɔ Italy man no mu pa ara na ɔne mfoinyɛfoɔ binom te sɛ Ali Hassan, Nitin Shroff, Alison Williams ne deɛ ɛkeka ho abɔ mu ada wɔn nnwuma adi.

Abɔnten so nkitahodi ahorow sesa

  1. Ne ho asɛm [1]
  2. 2.0 2.1 Asɛm a wɔaka [2]
  3. Music Garnishes Art [3]