Dominic Napare

Dominic Napare
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageDominic Napare Sesa
given nameDominic Sesa
family nameNapare Sesa
date of birth3 Obubuo 1960 Sesa
beae a wɔwoo noKajaji Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, education activist Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Education, Winneba, Wesley College, Ghana Institute of Management and Public Administration Sesa
work locationSene East District Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election, 2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Dominic Napare (wɔwoo no Obubuw 3, 1960) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Ghana Mantam a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no muni na ɔyɛ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nwɔtwe no muni a ɔgyina Sene Apueeɛ Mansin ananmu wɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ tekiti no so a ɛyɛ New Democratic Congress no.

N'asetena sesa

Napare yɛ Kristoni (Katolekni). Ɔwaree (ɔwɔ mma baanan).

Mfitiase Asetena Ne Nhomasua sesa

Wɔwoo Napare wɔ Obubuw 3, 1960. Ɔfiri Kajaji, kuro bi a ɛwɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nhomasua so, Winneba na onyaa ne Bachelor of Education abodin krataa wɔ Management ne Secretarial Studies mu.

Amanyɔsɛm sesa

Napare yɛ New Democratic Congress (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Sene Apueeɛ nkongua no wɔ NDC mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[2]

2020 abatoɔ

Wɔsan paw Napare sɛ mmarahyɛbadwani maa Sene Apuei wɔ 2020 December mmarahyɛbadwa abatow no mu. Wɔpaee mu kae sɛ odii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa abatow no mu bere a onyaa abatow 13,401 a egyina hɔ ma 64.4% tiaa nea ɔbɛn no paa a ɔne New Patriotic Party kandifo Luchoun Nicholas Bitagan a na ɔwɔ abatow 7,424 a egyina hɔ ma 35.7% no.

Boayikuw sesa

Napare yɛ Ohia a Wɔtew So Ho Nhyehyɛe Boayikuw no Titenani Abadiakyiri; Aban Boayikuw no muni; Hokwan Boayikuw no muni;[8] na ɔsan yɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no muni.

Adwumafa sesa

Ɔmantam Panyin (DCE) (Sene Apuei Mantam), 28 Ayɛwohomumɔ 2009 kɔsi 2012.

Mmarahyɛbadwa no muni (Ɔpɛpɔn 7, 2013 – mprempren; afe a ɛtɔ so mmienu).

Nhomasua ho ɔbenfo.

Adɔeyɛ sesa

Wɔ afe 2021 mu no, ɔde moto maa polisifoɔ adwumayɛbea 3 wɔ ne mantam mu.