Edward Abambire Bawa

Edward Abambire Bawa
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameEdward Sesa
date of birth1 Ɛbɔ 1973 Sesa
beae a wɔwoo noBongo, Ghana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, manager Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Liverpool Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa
ƆmanGhana Sesa

Edward Abambire Bawa (wɔwoo no Kwasida 1 Ɔpɛpɔn 1973) yɛ Ghana amammuifoɔ a na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no muni na seesei ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awotwe a ɔgyina Bongo Mansin a ɛwɔ Atifi Apueeɛ no ananmu Mantam mu wɔ Ghana wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiase asetena ne nhomasua sesa

Wɔwoo Edward Abambire Bawa na ɔfiri Bongo-Lungu wɔ Atsifi Epuei Mantam wɔ Ghana. Edward Abambire Bawa twaa ne Common Entrance Examination wɔ afe 1986 mu a ɛmaa ɔtumi nyaa ne Ordinary Level(O – Level) wɔ afe 1991 mu ne Advanced Level(A – Level) wɔ afe 1993. Edward Abambire Bawa kɔɔ so nyaa ne Bachelor of Education wɔ Chemistry mu wɔ University of Cape Coast, Ghana wɔ afe 2002 mu, Master of Business Administration wɔ Business Finance mu wɔ University of Liverpool wɔ afe 2007 mu, Certificate wɔ Development Communications mu wɔ afe 2012 mu, Certificate wɔ Risk Communications mu wɔ afe 2014. Ɔsan nyaa Postgraduate adansedi krataa a efi Harvard School of Public Health, Postgraduate adansedi krataa a efi University of Southern California ne Postgraduate adansedi krataa a efi Setym International.

Adwuma sesa

Edward Abambire Bawa yɛ Nkitahodiɛ Titenani ma Wiase Sikakorabea Dwumadie (Oil and Gas Capacity building Project) a ɛwɔ Petroleum Ministry a ɛwɔ Accra, Ghana. Edward Abambire Bawa reyɛ adwuma seesei sɛ mmarahyɛbadwani (MP) ma Bongo Mantam a ɛwɔ Atifi Apuei Manyam wɔ Ghana wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Amamyɔsɛm mu bra sesa

Edward Abambire Bawa sii akan na ɔdii nkonim wɔ afe 2016 NDC mmarahyɛbadwa mfitiaseɛ abatoɔ mu maa Bongo Mantam a ɛwɔ Atifi Apuei Mantam wɔ Ghana. Edward Abambire Bawa kɔɔ so dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ ne mansin (Bongo Mantam) mu wɔ Atifi Apuei Mantam Ghana wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛka Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana a ɔnyaa abatoɔ 18,442 (47.9%) tiaa Gabriel Nsoh Ade Agana a ɔfiri New Patriotic Party a ɔnyaa abatoɔ 6,800 (17.7%), Afari George A-Engbinge a ɔfiri Progressive People’s Party(PPP) a ɔno nso nyaa abatoɔ 12,932 (33.6%) ne Awillum Ebenezer Awine a ofi Convention People's Party(CPP) mu a ɔnyaa abatoɔ 295 (0.8%).

Edward Abambire Bawa san sii akan na odii nkonim wɔ afe 2020 NDC mmarahyɛbadwa primaries mu maa Bongo Abatoɔ Mpasua wɔ Atifi Apuei Mantam mu wɔ Ghana de abatow 590 tiaa Dr. Rainer Akumperigya a na ɔwɔ abatow 291 no.Edward Abambire Bawa san kɔɔ so dii nkonim wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nwɔtwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho a ɔnyaa abatoɔ 26,268 (57.7%) tiaa Ayinbisa Ayamga Peter a ɔfiri New Patriotic no mu Party a ɔnyaa abatoɔ 17,276 (37.9%), Afari George A-Engbinge a ɔfiri Progressive People’s Party(PPP) a ɔnyaa aba 1,548 (3.4%) ne Akamah Richard a ɔfiri Ghana Union Movement(GUM) a ɔnyaa aba 439 (1.0%) .

Wɔyii Edward Abambire Bawa fii mmarahyɛ bagua mu wɔ NDC Primaries mu na ankorankoro mmaranimfoɔ Mmaranimfo Charles Bawadua hwee no wɔ Kwasida, 13 May 2023 a ɛmaa ɔhweree ne mmɔdenbɔ sɛ wɔbɛsan apaw no akɔ Mmarahyɛbadwa no mu sɛ ɔmmɛgyina Bongo Mansin ananmu. Mmaranimfo Charles Bawadua dii nkonim wɔ abatow 535 mu, Edward Abambire Bawa nyaa abatow 509 na Avea Ephram Nsoh nso nyaa abatow 75.

Boayikuw sesa

Edward Abambire Bawa yɛ Ohia a Wɔtew So ho nhyehyɛe Boayikuw no muni. Ɔsan nso yɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Nwɔtwe (8) no Mines and Energy Committee no muni.

N'abrabɔ sesa

Edward Abambire Bawa yɛ Kristoni

Adɔeyɛ sesa

Edward Abambire Bawa de nsa (a ɛhɔnom gin "Kalahari bitters" ne "Akpeteshie" ) maeɛ de ko tia coronavirus(COVID-19) wɔ ne mansin (Bongo Constituency) mu wɔ Atifi Apuei Mantam mu wɔ Ghana. Edward Abambire Bawa de ɔko a wɔreko atia Coronavirus wɔ ɔman no mu no kɔɔ baabi foforo.