Edward Sarpei

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Edward Sarpei
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameEdward Sesa
date of birth25 Ayɛwohomumɔ 1969 Sesa
place of birthTema Sesa
siblingHans Sarpei Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationassociation football player Sesa
position played on team / specialityforward Sesa
sportassociation football Sesa
leagueBundesliga Sesa

Edward Sarpei (wɔwoo no Ayɛwohomummɔ da ɛtɔ so aduonu nnum (25) wɔ afe apem aha nkron ne aduosia nkron (1969) mu wɔ Tema).

N'asetena sesa

Ɔyɛ Gaanani a berɛ bi a atwam no na ɔbɔ bɔɔlo. Berɛ a ɔdii mfeɛ nkron ara pɛ na ɔne n'abusua tu firii Gaana kɔbɔɔ wɔn ho adwaa wɔ Rhineland,Germany.

 
Sarpei Edward Mfoni

Ɔno ne Hans Sarpei, a ɔsii akan maa Gaana a seiei ɔyɛ obi a ɔtete bɔɔlobɔfoɔ nketewa a wɔreba wɔ SC Fortuna Köln U19 no nua barima panin. Owura Sarpei Kinsley a na ɔsi akan ma SC Fortuna Köln yɛ ne papa na ne wɔfaase nso ne Hans Nunoo Sarpei a seisei ɔsi akan ma FC Ingolstadt 04 no.

Wɔaware na ɔwɔ mma mmiensa. Ne mma no mu mmienu deɛ ɔwoo wɔn wɔ n'awareɛ a ɛdi kan mu saa mmɔfra no wɔ Cologne, Germany na ɔne ne babarima Kinsley Sarpei a ɔde no too ne papa Owura Kinsley Sarpei na ɛte wɔ Rheindorf, South Africa.

N'adwuma sesa

Sarpei firii ne bɔɔlobɔ dwumadie ase FC Köln II wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmieɛnsa (1993) mu. Ne posihyin a ɔbɔ ankasa ne Bɛnkumsoɔ Mifiilde (Left Midfield) na na ɔtumi bɔ posihyin a ɛne Attaakin Mifiilde (Attacking Midfield) ne Strika nso.

Akan a ɛdi kan a bɔɔlobɔni yi siiɛ no, ɔsii no agokasie da a ɛdi kan wɔ bɔɔlobɔ agokansie mmerɛ mu wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmieɛnsa (1993) ne afe apem aha nkron ne aduokron nnan (1994) no mu.

Da ɔde sii akan a ɛdi kan no ne Ɔsanaa da ɛtɔ so nson wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmieɛnsa (1993) no mu. Deɛ ɛmaa ɔbɛsiii akan no ne sɛ ne Kɔɔkye Morten Olsen [1]de bɛsii bɔɔlobɔni Dirk Lehmann anan mu simma aduosia nkron (69th minutes) no mu. Mmerɛ tia bi akyi no, ɔsii akan mprɛn mmienu.

Sarpei bɔɔlobɔ mmerɛ mu no, ɔsiii akan maa bɔɔlobɔ kuo ahodoɔ te sɛ SC Holweide, FC Leverkusen, SC Leichlingen, VfL Sürth, SG Worringen, Yurdumspor Köl, SSV Hagen, FC 08 Homburg, SC Rondorf, Vorwärts Steyr, FC Köln II ne FC Köln U19.

Berɛ a na ɔsi akan no, ɔsii akan mprɛn ɔha ne aduonnum mmiɛnsa (153) na ɔtoo ntena nnum (5). Ɔboaa afoforɔ ma wɔhyɛɛ gɔɔlo baako. Simma ahodoɔ a ɔde sii akan no nyinaa si simma du baako akyire pɔ aha nnan aduonum baako (11.451 minutes).

Bɔɔlobɔ agokansie ahodoɔ ɔsii akan wɔ mu ne RL West-Südwest, Oberliga Nordrhein, Bundesliga, DFB-Pokal, Amateurmeisterschaft, Mittelrheinpokal, ÖFB-Cup, Aufstiegsr ne RL Süd bɔɔlobɔ agokansie no.

Ɛsiane pira ahodoɔ a na ɛsi ne kwan wɔ n'adwuma mu nti wɔantumi ansi akan mmerɛtenten ne saa nti, ɔde ne ho hyɛɛ wɔn wɔnni suahunu bɔɔlobɔ mu a ɛbi ne Leichlingen. Ɔde ne bɔɔlobɔ adwuma nyinaa baa awieɛ wɔ afe mpem mmienu ne du nnum (2015) mu.

Seisei, Edward Sarpei yɛ kookye ma FC Rheindorf, South Africa a wɔsi akan wɔ mansini no bɔɔlobɔ agokansie mu.

Ne Bɔɔlobɔ ho Abakɔsɛm sesa

Berɛ no sesa

Da a ɔfirii aseɛ sii akan sesa

Bɔɔlobɔ kuo ɔsii akan maa wɔn sesa

15/16 Kitawonsa 1, 2015 SC Holweide (Germany)
14/15 Kitawonsa 1, 2014 Ɔgyee n'ahome
13/14 Kitawonsa 1, 2013 FC Leverkusen (Germany)
12/13 Kitawonsa 1, 2012 Ɔgyee n'ahome
10/11 Kitawonsa 1, 2010 FC Leverkusen (Germany)
07/08 Kitawonsa 1, 2007 SC Leichlingen (Germany)
06/07 Kitawonsa 1, 2007 VfL Sürth (Germany)
06/07 Kitawonsa 1, 2006 SG Worringen (Germany)
05/06 Ɔpɛnimaa 1, 2006 Yurdumspor Köln (Germany)
04/05 Ayɛwohomummɔ 30, 2005 SSV Hagen (Germany)
04/05 Ɔpɛnimaa 1, 2005 Yurdumspor Köln (Germany)
99/00 Kitawonsa 1, 1999 FC 08 Homburg (Germany)
95/96 Kitawonsa 1, 1995 SC Rondorf (Germany)
94/95 Ɔpɛnimaa 1, 1995 Vorwärts Steyr (Austria)
94/95 Kitawonsa 1, 1994 FC Köln (Germany)
93/94 Kitawonsa 1, 1993 FC Köln II (Germany)
87/88 Kitawonsa 1, 1987 FC Köln U 19 (Germany)

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Berɛ a na ɔsi akan no., 7/01/2023, archived from the original on 2011-09-26, retrieved 2023-12-07 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)