George Kofi Arthur

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

George Kofi Arthur (wɔwoo no 24 Ɔpɛpɔn 1969) yɛ Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ Fourth Republic mmrahyɛbagua a Ɛto so Nsia a egyina Amenfi Central Constituency ananmu wɔ Ghana Atɔe Fam mantam mu no muni .

Ankorankoro asetra sesa

Arthur yɛ sigyani. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Arthur wɔ 24 Ɔpɛpɔn 1969 wɔ Agona Amenfi wɔ Atɔeɛ mantam mu . Ɔkɔɔ University of Education, Winneba baabi a onyaa Bachelor of Education abodin krataa wɔ Technology mu. Ɔsan nso kɔɔ Ghana Institute of Management and Public Administration baabi a ɔnyaa EMGL wɔ afe 2008.

Adwumafa sesa

Arthur yɛ nhomasua ho ɔbenfo . Ɔyɛɛ adwuma sɛ Mynd FM a ɛwɔ Kumasi no kwankyerɛfo panyin . Afe 2005 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbaguani .

Amanyɔsɛm sesa

Arthur yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Wɔ afe 2004 mu no, ɔsii akan sɛ ɔbɛdi Amenfi Central Constituency atenaeɛ wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔnyaa abatoɔ 14,139 a ɛyɛ 48.10% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Peter Yaw Kwakye-Ackah ne James Boateng ka ho no so nkonim. Wɔsan paw no wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ ne afe 2012 Ghana amansan abatoɔ a ɛmaa no hokwan sɛ ɔgyina ne mansin ananmu wɔ afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa.

2004 Abatow a Wɔyɛe sesa

Wɔpaw Arthur wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so . Enti ɔgyinaa Amenfi Central Constituency ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu firi 7 Ɔbɛnem 2005 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2009. Wɔpaw no sen Pater Yaw Kwakye-Ackah a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu ne James Boateng a ofi Convention People’s Party mu . Eyinom nyaa abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 47.7% ne 4.2%.

2008 Abatow no sesa

Wɔsan paw Arthur wɔ afe 2008 Ghana amansan abatow no mu . Ɔnam saa kwan yi so san gyinaa Amenfi Central Constituency ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu firi 7 Ɔbɛnem 2009 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2013. Wɔde abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu 39.31% na ɛpaw no. Wɔpaw no wɔ National Democratic Congress tekiti so. Wɔpaw no sen Padmore Kofi Yonkopa Arthur a ofi New Patriotic Party, James Boateng a ofi Convention People's party ne Peter Yaw Kwakye Ackah a ɔyɛ independent candidate,. Eyinom nyaa abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 33.2 5, 0.7% ne 26.7%.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa