Gizella Tetteh Agbotui

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gizella Tetteh Agbotui
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageGizella Akushika Tetteh-Agbotui Sesa
given nameGizella Sesa
family nameTetteh Sesa
date of birth30 Obubuo 1970 Sesa
place of birthAwutu Senya West District Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Fante Sesa
occupationAmanyɔni, architect Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
academic degreeBachelor of Science, master's degree Sesa
academic majorarchitecture, marketing Sesa
work locationAwutu Senya West District Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa

Gizella Tetteh Agbotui(wɔwoo no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduasa[1]) yɛ ɔdansini wɔ Ghana na ɔsane yɛ amanyɔni.[2] Ɔkɔpere wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu Ghana abatoɔ nom na ɔdii nkunim wɔ mmarahyɛbedwa akonnwa no so maa Awutu Senya West mpesoa so.[3]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne nnwomasua sesa

Wɔwoo no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduasa wɔ Cape Coast a ɛwɔ mfimfini mantam wɔ Ghana,[1] Gizella Tetteh mmɔtafoa adesua hyɛaseɛ firii afe apem ahankron ne aduoson num dekɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako wɔ University primary sukuu wɔ Cape Coast.[1] Ɔkɔɔ Wesley Girls ntoasoɔ sukuu firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako dekɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe. Ɔnyaa BSc wɔ Environmental Design ne post graduate diploma wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) firi afe apem ahankron ne aduokron dekɔ afe apem ahankron ne aduokron nson.[1] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu no ɔnya MBA wɔ marketing wɔ University of Ghana Business sukuu, Legon.

Amanyɔsɛm sesa

Agbotui yɛ ekuoba wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic congress mu. Wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu no, wɔyii no sɛ mmarahyɛbedwani ma Awutu Senya West mpesoa berɛ a ɔpere akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu Ghana abatoɔ wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic congress ananmu na ɔdii nkunim. Ɔnyaa mma mpem aduasa mmienu, ahanson ne nnwɔtwe (32,708) a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ aduonum nnwɔtwe (52.58%) wɔ mma no nyinaa mu. Wɔyii no gyaa George Ansah a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New Partriotic Party mu, Edith Mansah Dzonyrah a ɔwɔ Ghana Union Movement mu ne Samuel Yawson a ɔno nso wɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party mu. Wɔnyaa mma ɔpepepem aduonu nkron, ahannwɔtwe aduasa mmienu, ahansia ne aduoson nnwɔtwe ne ɔha ne aduokron mmiɛnsa mma wɔ mma no nyinaa mu. Mma no ne ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nson akyirepɔ num (47.05%) ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nson(1.07%) ne (0.30%) yɛ pɛ.[3]

Nnwuma sesa

Owurayere Gizella Tetteh Agbotui yɛ Zella adansie adwumawura,[4] a ɛyɛ adansie adwumakuo wɔ Ghana. Wayɛ saa adwuma yi bɛboro mfeɛ aduonu baako a wakoadare kɔ kwan asiesie, Wiemhyɛn gyinabea,(IAP) ne Certified Management Professional(PMP).[5]

N'abrabɔ ankasa sesa

Agbotui nuabaa ne Hannah Tetteh a ɔsomm sɛ Awutu Senya West mpesoa mmarahyɛbedwanii ne ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so.[3] Waware Owura Agbotui Serlom a wɔwɔ mmabaa mmienu, Annalise Elikem Agbotui ne Arlene Emefa Agbotui.[1]

Ntotoho sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 https://gh.opera.news/gh/en/politics/8fdbd541f3d81f6adc27022b41e39955
  2. https://www.myjoyonline.com/news/politics/ndc-introduces-gizella-tetteh-agbotui-to-awutu-traditional-council/
  3. 3.0 3.1 3.2 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Gizella-cuts-Andah-to-size-to-avenge-sister-Hanna-Tetteh-s-2016-Awutu-Senya-West-defeat-1128893
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2018-08-29. Retrieved 2022-03-26. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. Archive copy, archived from the original on 2021-10-20, retrieved 2022-03-26{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)