Haruna Bayirga

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Haruna Bayirga (wɔwoo no 18 Ɔbɛnem 1952) yɛ Ghana amanyɔni ne adansi mfiridwuma ho nimdefo. Ɔsan nso yɛ kan mmrahyɛbadwani ma sissala west constituency a ɛwɔ Upper West Region of Ghana . Mprempren Bayirga yɛ Buwah Limited adwuma no kwankyerɛfo panyin.

Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani maa sissala west constituency wɔ afe 2005 mu bere a ɔsii akan sɛ Candidate a ɔde ne ho no.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Bayirga wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ Zini a ɛwɔ Ghana atifi atɔeɛ mantam mu. Osuaa adansi ho ade wɔ Accra Polytechnic wɔ 1977 mu na afei ɔkɔɔ Italy kɔhwehwɛɛ adansedi krataa wɔ adansi mfiridwuma mu.

Adwuma sesa

Wɔ amammuifo a ɔyɛ akyi no, Bayirga yɛ ɔdansifo wɔ n’adwuma mu.[1]

Amanyɔsɛm sesa

N’amammui asetena hyɛɛ aseɛ wɔ afe 2004 mu baabi a ɔsii akan sɛ obi a ɔde ne ho maa Sissala atɔeɛ mantam no. Ɔdii nkonim a ne nyinaa yɛ 4,788 abatoɔ a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu 30.60% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. Wɔ afe 2008 mu no,ɔsan sii akan bio maa nkongua koro no ara a na ɔyɛ ɔmanfoɔ ɔman nhyiamu kuo no muni na ɔdii nkonim a ne nyinaa yɛ abatoɔ 5,950.[2] Ɔsan sii akan ne mprɛnsa so wɔ afe 2012 mu wɔ party no ananmusifo nhyiam ase na wɔkae sɛ obiara nsɔre ntia no nanso ɔdii nkogu wɔ Amin Amidu Suleman a ɔyɛ ɔman demokrase nhyiam no anim.

2004 Abatow a Wɔyɛe sesa

Wɔpaw Bayirga sɛ mmrahyɛbadwani ma Sissala West mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu .[3] Enti ɔgyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu.[4] Wɔde abatow 4,788 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 15,643 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 30.6% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw no sen Benson George Hikah a ofi New Patriotic Party, Amidu Sukemani a ofi National Democratic Congress ne Kale Monetuo Peters a ɔyɛ obi a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 4,419, abatow 4759 ne abatow 1,677 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 28.2%, 30.4% ne 10.7% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw Bayirga wɔ Nnipa Ɔman Nhyiam no tekiti so .[3][4] Na ne mansin no yɛ amansin mmienu pɛ a Nnipa Ɔman Nhyiamu a ɛwɔ Upper West Region dii nkonim wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu no fa. Nnipa Ɔman Nhyiam no nyaa mmrahyɛbagua ananmusifo a wɔn dodow yɛ 4 wɔ nkongua 230 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 4 a ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mu .

Ankorankoro asetra sesa

Bayirga yɛ Muslimi na waware na ɔwɔ mma baanum.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 229.
  2. "Sissala West (Ghana parliament constituency)", Wikipedia (in English), 1 July 2019, retrieved 3 July 2020
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Ghana: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 191.
  4. 4.0 4.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 229.