Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joe Kwashie Gidisuamanyɔni ne kyerɛkyerɛni ne kane mansoafoɔ a ɔhwɛ akwantempɔn ne akwantempɔn akɛseɛ so.[1]

Hon
Joe Gidisu
Mmarahyɛbadwani ma Central Tongu
Mprenpren
Bere
Ɔpɛpɔn 2005
OdikanfoƆno na adi kan wɔ saa mpɛsoa so so
Mmarahyɛbadwani ma North Tongu
Bere
Ɔpɛpɔn 2001 – Ɔpɛpɔn 2005
OdikanfoAustin Gamey
AnanmusiniCharles Hodogby
Mansoafoɔ a ɔhwɛ akwantempɔn ne akwantempɔn akɛseɛ so
Mprenpren
Bere
Ɔgyefuo 2009
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere
Joe Kwashie Gidisu
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (NDC)
MmaMmiɛnsa
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumakyerɛkyerɛni
CommitteesCommittee on members holding offices of profit lands and forestry committee

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua sesa

Wɔwoo Joe Gidisu wɔ Ɔgyefuo bosome da a ɛtɔ so aduonu-mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmienu(1952) mu wɔ Bakpa Alabonu a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔkɔɔ ne mmɔfrase sukuu wɔ Bakpa Alabonu Local Authority Primary School firi afe apem ahankron ne aduonum nkron (1959) kɔsi afe apem ahankron ne aduosia mmiɛnsa(1963) mu.

Ɔtoaa so kɔɔ Mafi Devime Local Authority sukuu a ɔwie wɔ afe apem ahankron ne aduosia nson(1967) mu. Ɔsan toaa ne nnwomasua so wɔ Kibi Men's Training College a ɔnyaa ne adekyerɛ krataa 'A'.

Gidisu kɔɔ University of Ghana a ɔnyaa B.A Hons wɔ hɔ wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako(1981) mu. Ɔtoaa so kɔɔ Netherlands a ɔkɔ yɛɛ ne postgraduate adesua wɔ institute of Social Studies, The Hague a ɔnyaa M.A wɔ Development Studies mu.[3]

Adwuma sesa

Gidisu kyerɛɛ adeɛ wɔ Bontibor Local Authority Primary School firi afe apem ahankron ne aduoson baako(1971) mu ne afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa(1973) mu. Ɔfirii Kibi Men's Training College no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Dormaa Ntoasoɔ Sukuu wɔ afe apem ahankron ne aduoson nson(1977) ne afe apem ahankron ne aduoson nwɔtwe(1978) mu.

Amanyɔsɛm sesa

Gidisu bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani maa North Tongu mpɛsoa no wɔ Ɔpɛnimma bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no mu.[4] Berɛ a wɔkyekyɛɛ mpɛsoa no mu no, ɔgyina maa Central Tongu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no mu na ɔdii nkunim bɛtenaa mpɛsoa no akonnwa so wɔ mmarahyɛbadwafieƆpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num(2005) mu.[5][6][7]

Ɔtenaa mpɛsoa no akonnwa so bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe(2008)[8] berɛ a ɔdii nkunim wɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ no mu. Abatoɔ no akyi no, Ghana Mampanini John Evans Atta Mills yii no sɛ Mansoafoɔ a ɔhwɛ akwantempɔn ne akwan akɛseɛ so wɔ Ɔgyefuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron(2009) mu.[9]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://newsghana.com.gh/abodakpi-speaks-im-best-bet-forndc-chairmanship-post/
  2. Archive copy, archived from the original on 2011-07-16, retrieved 2022-09-26{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. Archive copy, archived from the original on 2017-01-30, retrieved 2022-09-26{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://web.archive.org/web/20080731031405/http://psephos.adam-carr.net/countries/g/ghana/ghana11.txt
  5. http://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  6. https://www.graphic.com.gh/news/politics/keen-contests-await-ndc-mp-aspirants-in-v-r.html
  7. https://www.myjoyonline.com/news/list-winners-of-the-2012-parliamentary-elections/
  8. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=290
  9. https://www.businessghana.com/