John Kofi Gyasi

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
John Kofi Gyasi
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameJohn Sesa
date of birth22 Oforisuo 1946 Sesa
place of birthAsante Mantam Sesa
occupationteacher Sesa
position heldMember of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atAkrokerri College of Education Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa

John Kofi Gyasi About this soundpronounciation of "John Kofi Gyasi"  Ghanani amanyɔni a ɔbɛyɛɛ mmerahyebadwamni wɔ Ghana mmerahyebadwamfie wɔ neɛ ɛdikan ne neɛ ɛtoso mmienu wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtoso nan no mu.[1]

Abrabɔ ne Adwuma sesa

Wɔwoo Kofi Gyasi wɔ GhanaOforisuo bosome no, ne a da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem aha nkron ne aduokron nsia (22 Oforisuo 1946) wɔ kuro a yɛ frɛ no Brofoyeduru a ɛwɔ Asante mantamGhana man mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Dunkwa ntoasoɔ sukuu ne Akrokarri Akyerɛkyerɛfoɔ suapɔn sukuu, ɛhɔ na ɔbɛ nyaa ne POST - SEC abodin krataa CERT A.[1]

Amanyɔsɛm sesa

John Kofi Gyasi yɛ Ghanani amanyɔni a ɔbɛyɛɛ mmarahyebadwani wɔ Ghana mmarahyebadwafie wɔ neɛ ɛdikan ne neɛ ɛtoso mmienu wɔ Adehyeman Ghana, amanmuo a ɛtoso nan no mu.[1] Wɔdii kan too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbedwafie deɛ edikan wɔadehyeman Ghana amanmuo a ɛtɔ so nan no wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtɔso nson wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmiɛnsa (7th January 1993). Ɛno akyi no ɔsanso dii nkonim biom maa no kɔɔ mmarahyɛbadwam ne nprenu so. Ɔde n'adwuma sɛ mmerahyɛbadwani baa n'awieɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtoso nsia wɔ mfei mpem mmienu ne baako no mu (6th January 2001). Na ɔno na ɔgyina hɔ sɛ mmerahyɛbadwani de maa Adansi-Asokwa abatoɔ mpɛsoaso wɔ Asante Amantan mu. Wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu mmarahyɛbedwam abatoɔ wɔ Ghana no ɛmu yɛɛ den.Wɔtoo aba yii no sɛ ɔkɔ mmarahyɛbedwafie wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC) din mu.Wɔ afe apem aha nkron ne aduokron nsia abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma no mu mpem du, ɔha nkron ne aduokono nkron (10,999) de firii mpem du nkron ne aha nkron ne aduoson nson (19,977) wɔ Ghanafoɔ dodoɔ a ɛkɔ too aba no mu. Wei gyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum num ne akyiri pɔ hwee ne nsia (55.06%)[2]

Adwuma sesa

Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni a na ɔsanso yɛ nsiakyiban adwumayɔni na ɛdwuma a ɛgye ne paa ara ne amanyɔsɛm ɛne afei nso no na ɔyɛ akane mmarahyɛbedwani ma Adansi Asokwa abatoɔ mpɛsuasofoɔ wɔ Asante Mantam mu.

Asetena ne Abrabɔ sesa

Gyasi yɛ Okristoni.[3]

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 https://ghanamps.com/mp/gyasi-john-kofi/
  2. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2020-10-12. Retrieved 2021-07-12.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. Ghana parliamentary Register