John Ntim Fordjour

John Ntim Fordjour
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJohn Sesa
date of birth28 Kotonimma 1986 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, motivational speaker, Nnipa ahoɔden Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, University of Mines and Technology, University of Ghana Sesa
academic degreeDoctor of Philosophy Sesa
member of political partyNational Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Reverend John Ntim Fordjour yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Assin South Abatoɔ Mpɛsua ananmu wɔ Mfinimfini Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Mprempren ɔsom sɛ Nhomasua soafo Abadiakyiri wɔ Nana Addo Dankwa Akufo-Addo a ɔpaw no akyi na onyaa Mmarahyɛbadwa no pene.

Adwuma sesa

Ɔyɛ mprempren Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Nhomasua so ne Mmarahyɛbadwa no muni ma Assin South Abatoɔ Mpɛsua a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwa no mu, Ghana-Canada Mmarahyɛbadwa Adamfofa Fekuw no Titenani, Mmarahyɛbadwa Boayikuw a Ɛhwɛ Asomfo a Wɔkura Mfaso Dwumadibea ne Mmarahyɛ Bagua no muni Boayikuw a Wɔapaw Amannɔne Nsɛm so no Titenani Abadiakyiri.[citation needed] Ɔ yɛ VBCI Higher Heights Sanctuary wɔ East Legon Pastor.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Fordjour wɔ 28 Kɔtonima 1986 na ɔfiri Assin Kruwa wɔ Mfinimfini Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Assin Manso Senior High School. Ɔwɔ nnwuma ahodoɔ pii wɔ Mining, Economic Policy ne International Relations mu, Ntim Fordjour mprempren yɛ PhD Candidate wɔ Department of Political Science a ɛwɔ Ghana Suapɔn mu. Ɔwiee abodin krataa wɔ Mineral Engineering mu wɔ University of Mines and Technology (UMaT), Tarkwa wɔ afe 2007 mu, na ɛno akyi no, Ghana Suapɔn maa no Master of Arts Degree wɔ Economic Policy Management mu wɔ afe 2014 mu.[6]

Amanyɔsɛm sesa

Fordjour yɛ New Patriotic Party no muni.

Wɔ afe 2016 abatoɔ mu no, ɔnyaa abatoɔ 23,308 wɔ abatoɔ 39,887 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma abatoɔ 58.99% sɛ ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani ma Assin South Constituency.

Mprempren ɔyɛ guamtrani abadiakyiri ma asɔremma Holding Offices of Profit Committee na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuw no muni wɔ mmarahyɛ bagua no mu. John Ntim Fordjour yɛ Ghana Integrated Iron & Steel Development Corporation (GIISDEC) Aban Kuo no muni na ɔsan nso yɛ Boayikuo no Sikakorabea ne Akwankyerɛ Boayikuo no Titenani.

N'asetena sesa

Fordjour aware na wayɛ mmofra baasa, a wɔn nyinaa yɛ mmeawa. Ɔyɛ Kristoni