Joseph Eastwood Anaba

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joseph Eastwood Anaba yɛ sɔfo a ɔtee asɔre Eastwood Anaba Ministries (EAM) a asɔre yi ti wɔ Bolgatanga a ɛwɔ Atifi Apueɛ MantamGhana mu.[1] Ɔno na ɔtee asɔre a ne din de Fountain Gate Chapel a ne nkorabata bɛyɛ ɔha ne akyiri ate atese wɔ wiase afanan nyinaa.[2]

Joseph Eastwood Anaba
Awo bereKɔtɔnimaa 10, 1961
Adesua
N'adwumaƆsɔfo
Yɛnim no sɛNsɛmpaka ne Afutuo
NehokaniRosemond Anaba
ChildrenAudrey, Amanda, Angus, ne Archie Anaba

N'abrabɔ sesa

Wɔwoo no Kɔtɔnimaa da a ɛtɔ so du, afe apem ahankron aduosia baako (10-05-1961) wɔ Atifi Apueɛ Mantam mu a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Ɔyɛ Frafrani.[3] Ne papa ne ne maame nyinaa som ɔman no sɛ asraafoɔ. Ɔno na ɔtɔ so mmienu wo anuanom nwɔtwe a n'agya ne ne na woeɛ no mu. Na ne papa nyɛ Kristoni nanso wɔ afe 1994 mu berɛ ɔkɔɔ ne ba no nhyiamu bi ase no ɔde ne ho maa Awurade.[4]

Ɔkɔɔ ne ntoasoa sukuu wɔ Presbyterian Boys' Senior High[5] na ɔtoaa so kɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology kɔgyee nteteeɛ sɛ pharmacist. Ɔdii mfie aduonu (20) wɔ afe 1988 mu no, ɔde ne nsanoadwuma too ho paa ne ho akyi de ne ho nyinaa maa Kristo sɛ ɔbɛyɛ Nyame adwuma.

N'abusua sesa

Nyamenipa Joseph Eastwood Anaba aware awuraa Rosemond Anaba a ɔne no awo mma nnan. Wɔn mmɔfra no din ne Audrey, Amanda, Angus, ne Archie Anaba. Amanda ne Audrey hyiaa wɔn nkwanhyiawuo wɔ afe 2009 wɔ Tamale wɔ berɛ a na wɔn firi asɔre rekɔ fie.[6]

Nwoma ahodoɔ bi a watwere sesa

  • 30 Facts About Your Mission
  • Changing your world with your tongue
  • Mantles little things that carry God’s power
  • Speak The Word
  • The 12/70 Paradigm Shift: Understanding the Next Move of God
  • The Exploits of Love
  • The Quest for Supremacy
  • The Practice of Love: Operating the Gift of Love
  • Supernatural Explosion – Functioning in Your Season
  • Extra Oil: Walk in Super-Abundance[7]

Baabi a menyaa mmoa firieɛ sesa

  1. Eastwood Anaba, Biography, archived from the original on 2023-11-26, retrieved 2023-11-26
  2. Bp-Relate (2016-10-24), Biography Of Rev. Joseph Eastwood Anaba (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. Profile of Rev. Eastwood Anaba; Biography, Net worth, Age, Children, Books, Videos, and Wife (in British English), 2021-02-09, retrieved 2023-11-26
  4. Our Founders (in British English), 2019-08-03, retrieved 2023-11-26
  5. Eastwood Anaba, Biography, archived from the original on 2023-11-26, retrieved 2023-11-26
  6. Profile of Rev. Eastwood Anaba; Biography, Net worth, Age, Children, Books, Videos, and Wife (in British English), 2021-02-09, retrieved 2023-11-26
  7. Bp-Relate (2016-10-24), List Of Books By Joseph Eastwood Anaba (in American English), retrieved 2023-11-26