Joseph Henry Mensah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joseph Henry Mensah (Ahineme 31, 1928 –Kitawonsa 12, 2018) yɛ Ghanani ɔmanyɔni ne amammuo nkontaabufoɔ.

Hon.
Joseph Henry Mensah
Prime MinisterKofi Abrefa Busia
Member of the Ghana Parliament
for Sunyani East
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
  • Majority leader
  • Minister and Leader of Government Business
  • Minister for Public Sector Reform and National Institutional Renewal Programme
  • Kufuor government
  • Senior minister
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Sunyani East abatoɔ mpɛsoa
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Sunyani East abatoɔ mpɛsoa
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
Finance Minister
Bere
1969–1972
ƆmanpanyinEdward Akufo-Addo
OdikanfoEmmanuel Noi Omaboe
AnanmusiniIgnatius Kutu Acheampong
Ne ho asɛm
Awo bere(1928-10-31)31 October 1928
Gold Coast
Owu bere12 July 2018(2018-07-12) (aged 89)
Nkran, Ghana
Resting placeMilitary Cemetery, Burma Camp, Accra, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Relations
Sukuu a w'akɔUniversity of the Gold Coast (now the University of Ghana)

Achimota School University of London

Stanford University
N'adwuma

Adesua sesa

Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Achimota School. Na ɔkɔɔ University of the Gold Coast (a seisei wɔfrɛ no University of Ghana) firi afe apem aha-nkron aduanan nnwɔtwe (1948) kɔsi 1954. Ɔkɔtoaa n'adesua so wɔ University of London de nyaa ne suapɔn abodin a edi kan, ne mmienu no wɔ "economic theory and development" nimdeɛ mu wɔ Stanford University. Afe apem aha nkron ne nan (1954) mu na ɔyɛɛ Economics mu Research Fellow wɔ University of Ghana, kosii afe apem aha-nkron 1958.

Amanyɔdwuma sesa

1953 mu na Mensah firii adwuma ase sɛ Assistant Inspector of Taxes berɛ a na Gold Coast da so hyɛ Eyeresi aban ase. Afe apem 1958 na Mensah kɔyɛɛ adwuma wɔ United Nations Secretariat wɔ Centre for Development Planning, Projections and Policies, wɔ New York City, a ɛwɔ Amerika.

Mensah san baa Ghana wɔ afe apem aha aduosia (1961) bɛyɛɛ National Planning Commission daanonin.National Planning commission na ɛhyehyɛ san de deɛ yɛfrɛ no ɔman Seven-Year Development Plan (1963/64–1969/70). Afe apem 1969 na wɔyii no mmarahyɛni na ɔbɛyɛɛ fotosanfoɔ wɔ Busia aban mu kɔsii afe apem aha-nkron (1972) a Ignatius Kutu Acheampong sogya aban bɛsesaa no.

Abatoɔ sesa

Mensah represented the Sunyani East constituency in the 2nd, 3rd and 4th parliaments of the republic of Ghana.

2000 Abatoɔ sesa

Afe 2000 no mu Sunyani East mpasuaso a ɛwɔ Brong Ahafo yii Mensah mmarahyɛni wɔ Ghana marahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa, ahosohwɛ a ɛtɔ so nnan no mu. Ogyinaa wɔ New Patriotic Party din mu. Ne mpasua no ka 14 a New Patriotic Party dii so nkonim wɔ 21 a ɛsii akan saa mantam no mu. New Patriotic Party nyaa marahyɛ nkondwa 100 wɔ 200 a saa marahyɛ badwa pereeɛ. Mensah nyaa mma pa 27,756 firii 43,128 a wɔtooɛ no mu. Yei yɛ ne mma pa no ɔha-nkyɛmu 65.1. Ɔdii Capt(rtd) F. Adu Nkrumah a na ɔyɛ National Democratic Congress nipa so nkonim. Wɔn a ɛka akansie no ho bi ne: Shiekh Mustapha Abdulah a ɔyɛ  Convention People’s Party nipa, Moses Owusu -Yeboah a ɔfiri People’s National Convention, Boachie Amankwa a ɔfiri United Ghana Movement and Boniface Kojo Mensah a ɔyɛ National Reform Party nipa. Mma a wɔnyaaɛ no nnidisoɔ nie 11,550, 1,269, 1,039, 592 ne 427. Ne mma pa no ɔha-nkyɛm nso nnidisoɔ yɛ  27.1%, 3.0%, 2.4%, 1.4% and 1.0%

.

2004 Abatoɔ sesa

Marahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan abatoɔ mu  afeɛ mpem mmienu ne nan mu (2004) no wɔtoo aba yii no sɛ marahyɛnin maa Sunyani East mpasuaso. Ɔnyaa 32,035 firii mma pa 53,972, a wɔtooɛ no mu, ɛyɛ mma no mu 59.40%. Ɔdii wɔn a edidi so yi so nkonim: Justice Samuel Adjei a ɔfiri National Democratic Congress, Cubagee Raphael — a ogyinaa kwantenkrɔ, Rev. Nana Adjei-Ntow – ɔno nso gyinaa kwantenkrɔ, Theophilus Kwame Chartey a ɔyɛ Convention People’s Party nipa, Awuah Philip, Every Ghanaian Living Everywhere Party nipa ne A. A. Boasiako a ɔyɛ Democratic People’s Party nipa. Wɔn mma no ne sɛdeɛ ɛdidi so yi pɛpɛɛpɛ: 17,860, 1,478, 998, 674, 581  ne 346. Ɛna mma no ɔha-nkyɛmu nso didi so sɛɛ: 33.10%, 2.70%, 1.80%, 1.20%, 1.10% ne 0.60%. Enti Mensah na ɔnyaa akonnwa no maa New Patriotic Party. Ne mpasua no ka mpasua 14 a New Patriotic Party nyaa wɔ Brong Ahafo mantam deɛ 24, wɔ saa abatoɔ no ho. Saa ahosohwɛ a ɛtɔ so nnan mu marahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan abatoɔ, a nnipa 230 na ɛgyina peree nkonnwa no. Dodoɔ a New Patriotic Party nyaa wɔ ɔman no nyinaa mu yɛ 128.

Sogya aban akyi sesa

1974 ahyɛaseɛ no Mensah yɛɛ abanmu ne ankorɛankorɛ adwuma wɔ Ghana ne aburokyire. National Redemption Council de no too afiase firi 1975 kɔsi 1978. Berɛ ɛ na yɛabra no amanyɔ mpo no ɔdii Popular Front Party amanyɔsɛm mu akoten wɔ 1979 mu. Ɔyɛɛ Sunyani District Council a ɛwɔ Brong-Ahafo Region no titenanin (1979–1981), ɛna Banka Farms adwumawura. Wɔpam no kɔɔ Englesi 1983 no ɔkɔyɛɛ ɔhwɛsonin maa ekuo a na ɔne PNDC redi asie. Na ɔsan nso ka African Advisory Council of the African Development Bank ho firi 1993 kɔsi 1997. Ɔpɛnimaa 1996, Mensah peree Sunyani East constituency marahyɛbadwa akonnwa no maa New Patriotic Party, ma ɔdii nkonim. Mfeɛ mpem mmienu mu (2000) no nso wɔsan to aba yii no. Na ɔyɛɛ Minority Leader wɔ mmarahyɛ badwamu firi 1997-2000 ansa na Ɔmanpanin Kuffuor aban reba so. Ɛno akyi no na ɔyɛɛ Minister and Leader of Government Business firi 2001 kɔsi 2003; Minister for Public Sector Reform and National Institutional Renewal Programme firi 2003 kɔsi 2005 ɛna Senior Minister firi 2005 kɔsi 2006 a ne nyinaa wɔ Kuffuor aban no mu.  

Ne ho ne n'afisɛm sesa

Ɔyɛ kane ɔmanpaninyere Theresa Kufuor ne nuapanin.

Owuo ne ɔman adehyeyie sesa

J.H. Mensah wuu Yawoɔda Kitawonsa da 12, 2018 wɔ Military Hospital a ɛwɔ Accra. Ɔnyaa nyodwoɛ bɛyɛ afe akyi na ɔyadeɛ bɔɔ no kyɛɛ kakra. Ghana aban yɛɛ no ɔman adehyehyie Fiada Ɔsanaa da 17, 2018 wɔ Accra International Conference Centre, na wɔsiee no wɔ Military Cemetery foforɔ a ɛwɔ Burma Camp no