Kofi Okyere-Agyekum

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon
Kofi Okyere-Agyekum
Member of the Ghana Parliament
for Fanteakwa South Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Kofi Okyere-Agyekum

8 March 1958 (1958-03-08) (age 66)
Osino
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
CommitteesPublic Accounts Committee, Employment, Social Welfare and State Enterprises Committee, Lands and Forestry Committee

Kofi Okyere-Agyekum (wɔwoo no Ɔbɛnem 8, 1958) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Fanteakwa Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Apueɛ Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[1]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua sesa

Wɔwoo Okyere-Agyekum wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so awɔtwe (8), afe 1958 mu. Ofiri Osino, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu.[2] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana) mu na onyaa ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ kuayɛ sikasɛm mu (Bachelor of Science degree in agricultural economics) wɔ afe 1981 mu.[2] Ɔsan nso kɔɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration) na onyaa Adwumayɛ Ho Nsɛm mu abodin krataa wɔ sikasɛm mu (Master's of Business Administration degree in finance) wɔ afe 2007 mu.[2]

Amanyɔsɛm sesa

Okyere-Agyekum yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party - NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔde NPP mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no tekiti so sii akan wɔ Fanteakwa Anafoɔ nkongua no so na odii nkonim.[2]

Adwumafa sesa

  • Adwumakuw no sohwɛfo (Corporate manager), Uniliver, afe 1984 kosi afe 2000[2]
  • Ɔhwɛfoɔ a ɔhwɛ nneɛma a wɔde ma (Supply chain manager), Cleansing Solution Limited, Tema[2]
  • Mmarahyɛbadwani (Ɔpɛpɔn 7, 2013 besi Ɛnnɛ; afe a ɛtɔ so mmienu)[2]

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Okyere-Agyekum yɛ Kristoni (Presbyni). Waware na ɔwɔ mma baasa (3).[2][2]

Ntotoho sesa

  1. "Parliament of Ghana".
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 2.7 "Ghana MPs – MP Details – Agyekum, Okyere Kofi". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-02-09.