Koo Nimo

Ghana ndwomtoni
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Koo Nimo
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
birth nameKwabena Boa-Amponsem Sesa
date of birth3 Ahinime 1934 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationcomposer, guitarist, singer Sesa
employerUniversity of Michigan Sesa
educated atAdisadel College Sesa

Koo Nimo (wɔwoo no Kwabena Boa-Amponsem)[1]Ahinime da a ɛtɔ so mmiensa wɔ afe( apem ɔha nkron ne aduasa-nan)[2]mu, a wɔbɔɔ no asu sɛ Daniel Amponsah yɛ ɔman yi mu nnwontofoɔ a ɔdi kan wɔ Palm wine nnwom anaa Highlife nnwom a ɛfiri Ghana.

Ne Ho Asɛm sesa

Wɔwoo no wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Foase, a ɛwɔ Atwima Mantam a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana, Afrika Atɔeɛ fam. Ɔyɛɛ nnwuma ahodoɔ wɔ nyansahu ne ayaresa mu berɛ a na n'ani gye nnwom ho. Afe (apem ɔha nkron ne aduanum-nsuon) mu,berɛ a Britain a na wɔdi tete Gold Coast no bɛyɛɛ ɔman a ɛnni faahodie Ghana no, Koo Nimo nyaa ɔman no anim adom a edi kan denam Addadam Agofomma kuo no a wɔhyehyɛɛ no so.

Ne nnwom pii ka amammerɛ ho nsɛm na wɔto wɔ Twi kasa mu. Nea ɛka sankuo baako anaa mmienu ne nne ho no,Asantefoɔ amammerɛ kwan so nnuaba nnwontofoɔ kuo no yɛ Afrika Atɔeɛ fam nnwom a wɔde di dwuma wɔ amanneɛ kwan so a ebi ne apentemma ne donno, frikyiwa (a wɔde dadeɛ ayɛ), prempensua (rhumba adaka), ntorwa (akutu a ɛyɛ tokuro a wɔde nhwiren anaa aba a wɔanwene atwa ho ahyia wɔ asau so) ne nnawuta (a ɛyɛ dadeɛ dɔn mmienu ɛma nnwom nhyehyɛe a ɛyɛ dɛ titiriw) anaa dawuro (a wɔde nnuaba na ɛyɛ).

Wɔ afe (apem ɔha nkron ne aduakron baako ) mu no, woyii Koo nnwom nnwɔtwe ɛde gu compact disc a wɔato din Osabarima so. Eyi ne adwuma a edi kan a Ghanani na ɔyɛe a wɔde too CD so[3]. Wɔ Ɔpɛpɔn bosoome ,afe (apem ɔha nkron ne aduakron mmienu) mu, wɔ Columbia Suapɔn mu, New York, USA no, Andrew L. Kaye de n'asɛm a wɔato din "Koo Nimo ne ne kuo: Ghana Nnwontofoɔ bi wɔ Ethnomusicological Perspective" mae na wɔmaa no Doctor of Philosophy abodin krataa wɔ n'adwuma no ho.

Wɔ afe (apem ɔha nkron ne aduakron nnwɔtwe) mu no, wɔfaa no sɛ Ethnomusicology Ɔbenfo wɔ Washington Suapɔn a ɛwɔ Seattle, USA, mfeɛ mmienu, ansa na ɔrefa adwuma a ɛte saa wɔ Michigan Suapɔn a ɛwɔ Ann Arbor.[4]

Wɔ mfeɛ (mpem mmienu) mu no, Koo Nimo san kɔɔ Kumasi wɔ Ghana. Ɔdaa ne ho adi wɔ Ɔpɛpɔn bosoome, mfeɛ (mpem mmienu ne nson )mu wɔ American akwantuo dwumadie Anthony Bourdain: No Reservations mu, baabi a woyi no sɛ ɔrebɔ nnwom, rebɔ ne nnwom ho nkɔmmɔ, na ɔne Anthony Bourdain a ɔhwɛ so no redidi.[5]

Nkonimbo, nidi ne badwa sesa

Wɔ afe (apem ɔha nkron ne aduason nkron) mu no, wɔ gyee ne som a ɔde maa Ghana nnwom sɛ nnwontofoɔ, ɔkyerɛkyerɛfo ne sodifo no toom, wɔpaw Koo Nimo sɛ MUSIGA (Musicians' Union of Ghana) no titenani. Ɛnyɛ ne nnwom nko na ne manfoɔ ani sɔɔ, na mmom ɔdɔ ne obuo a ɔwɔ ma atetesɛm nso. Wɔ afe (apem ɔha nkron ne aduawɔtwe num) mu no, wɔpaw Koo Nimo sɛ berɛ tiaa mu dwamtenani wɔ COSGA, Copyright Society of Ghana. Nnansa yi ara wɔama no Amanaman Ntam Fekuo a Ɛhwɛ Nnwom a Agye Din Ho Adesua So no muni a ɔwɔ nidi, ne edin atitiriw te sɛ Ɔbenfo J. H. K. Nketia ne John Collins.


Wɔ Ɔgyefoɔ bosoome, afe (apem ɔha nkron ne aduakron baako) mu no, de kyerɛɛ ne som a ɔde maa nnwom ne ne man no, Koo nyaa Asanteman abasobɔdeɛ a agye din no fii Asantehene hɔ. Wɔ Ɔbennem bosoome mu no, onyaa Flagstar abasobɔdeɛ firii ECRAG (Entertainment Critics and Reviewers Association of Ghana) hɔ.Wɔ afe (apem ɔha nkron ne aduakron baako) mu no, wɔtoo nsa frɛɛ no ​​sɛ ɔmmɛsom wɔ Ɔman Amanneɛbɔ Badwa no mu.


Wɔ Obennem bosoome, afe (apem ɔha nkron ne aduakron nson) mu no, Ghana aban no dii fahodie mfeɛ aduanan no ho afahyɛ denam sika kɔkɔɔ nkontaabuo a wɔde maa ɔmanfoɔ a wɔagye din aduanan, a wɔn mu baako ne Koo Nimo. Na ɛyɛ anisɔ ma mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ ɔbɛkora amammerɛ a ɛwɔ hɔ no. Bosoome a edi hɔ no, onyaa Konkoma Award ma ne mmɔden a ɔbɔ de maa Ghana Highlife Music.


Koo Nimo nyaa Lifetime Achievement Award wɔ 2022 Vodafone Ghana Music Awards a wɔyɛe wɔ Accra no mu esiane ne kyɛfa wɔ Ghana nnwom dwadie no mu nti.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Andrew L. Kaye (2001), "Nimo, Koo", Oxford Music Online, Oxford University Press, retrieved 2023-05-27
  2. Andrew L. Kaye (1999-11-30), "Koo Nimo: a contemporary Ghanaian musician", African Music : Journal of the International Library of African Music, vol. 7, no. 4, pp. 147–165, doi:10.21504/amj.v7i4.2003, ISSN 2524-2741, retrieved 2023-05-27
  3. John M. Eargle (1990), "High Fidelity Sound in the Home", Music, Sound, and Technology, Dordrecht: Springer Netherlands, pp. 260–271, ISBN 978-94-011-7072-7, retrieved 2023-05-27
  4. Samuel Tunstall, Vincent Melfi, Jeffrey Craig, Richard Edwards, Andrew Krause, Bronlyn Wassink, Victor Piercey (2016-07), "Quantitative Literacy at Michigan State University, 3: Designing General Education Mathematics Courses", Numeracy, vol. 9, no. 2, doi:10.5038/1936-4660.9.2.6, ISSN 1936-4660, retrieved 2023-05-27 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Joseph Kofi Teye, Ebenezer Nikoi (2021-03-01), The Political Economy of the Cocoa Value Chain in Ghana, retrieved 2023-05-27