Kweku George Ricketts-Hagan

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kweku George Ricketts-Hagan
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth21 Ɔsanaa 1963 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, economist, banker Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Chicago, University of London, University of London Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Kweku George Ricketts-Hagan yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan no muni a gyina Cape Coast South Mmarahyɛbadwa mpɛsoa ananmu wɔ Ghana Mfinifini Mantam wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1][2][3]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua sesa

Wɔwoo Ricketts-Hagan wɔ 21 August 1963 wɔ Cape Coast wɔ Ghana Mfinifini Mantam. Ɔwɔ MBA wɔ Chicago Suapɔn Adwumayɛ Sukuu mu ne master’s degree wɔ Sikasɛm mu wɔ London Suapɔn mu.[1][2][3]

Adwuma sesa

Na Ricketts-Hagan yɛ SAS Sikasɛm Kuw no kwankyerɛfo panyin.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Ricketts-Hagan yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua no muni.[4] Mprempren ɔyɛ mmarahyɛ badwa no muni ananmusifo ma Cape Coast South Constituency.

Afe 2020 Abatoɔ sesa

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Cape Coast South Constituency mmarahyɛ badwa no mu a onyaa amba 21,118 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 51.7% bere a NPP mmarahyɛbadwani Ernest Arthur nyaa amba 19,714 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 48.3%.[5]

Ɔsoafoɔ sesa

Afe 2016 mu no, Ricketts-Hagan bɛyɛɛ ɔsoafoɔ wɔ Ghana Mfinifini Manta.m Odii dwuma wɔ Ghana Aban som adwuma mu sɛ sikasɛm soafoɔ abadiakyiri firi afe 2013 kosi afe 2014 ne ɔman soafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ Aguadiɛ ne Nnwuma so firi afe 2014 kosi afe 2016.[2]

Boayikuw ahorow sesa

Ricketts-Hagan yɛ Dibea a Ɔyɛ Hokwan Boayikuw no muni,[6] ɔsan yɛ Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuw no muni na ɔsan yɛ Aguadi, Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuw no muni.

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Ricketts-Hagan yɛ Kristoni. Waware na ɔwɔ mma baanum

Akyinnyegye sesa

Wɔ Ɔkɔtɔberɛ 2021 mu no, Owura Ernest Arthur a na ɔyɛ Metropolitan Chief Executive for Cape Coast no de Ricketts-Hagan kɔɔ asɛnnibea wɔ ne nsɛm a ɔde bɔɔ no ahohora no ho. Cape Coast Asɛnnibea Kunini no ka kyerɛɛ Ricketts-Hagan sɛ ɔnsan n’akyi na ɔmpa Owura Arthur kyɛw. Wɔsan nso bɔɔ Ricketts-Hagan ka GH¢100,000.[7]

  1. 1.0 1.1 1.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-15
  2. 2.0 2.1 2.2 MPs (in American English), retrieved 2023-06-15
  3. 3.0 3.1 Kweku George Ricketts-Hagan, Biography, retrieved 2023-06-15
  4. Laud Nartey (2022-04-02), E-levy: My view is that Minority should have stayed in Parliament but... - Ricketts-Hagan (in American English), archived from the original on 2023-02-05, retrieved 2023-06-15
  5. Peace FM, 2020 Election - Cape Coast South Constituency Results, retrieved 2023-06-15
  6. MyJoyOnline.com - Ghana's most comprehensive website. Credible, fearless and independent journalism, retrieved 2023-06-15
  7. Adwoa Agyeman (2022-02-27), NDC MP charged for defaming MCE (in American English), retrieved 2023-06-15