Marietta Brew Appiah-Oppong

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Marietta Brew Appiah-Oppong
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMarietta Sesa
family nameAppiah, Oppong Sesa
place of birthTema Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMinister of Justice of Ghana, Attorney General of Ghana, Attorney General of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, St Roses Senior High (Akwatia), Ghana School of Law, International Institute of Social Studies Sesa
academic degreeBachelor of Laws, academic aspirant Sesa
academic majorMmara Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa

Marietta Brew Appiah-Oppong( wɔwoo no wɔ Tema) yɛ Ghanani baa a ɔyɛ legal practitioner ne ɛnkane Ghana Aban Lɔya ne Ghana ɔsoafoɔ a ɔhwɛ atɛntenenee so. Ɔmanpanin Mahama na ɔyii no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa mu.[1] Ɔno ne ɔbaa a ɛtɔ so mmienu a wakuraa saa diberɛ no wɔ ɔman yi mu, nea ɔdikan no ne Owurayere Betty Mould-Iddrisu. Ne berɛ a ɔdii no sɛ Ghana Aban Lɔya no kɔɔ awieeɛ wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu. Wɔyii no sɛ ɔmmɛsom Arbitration Kɔɔto wɔ International Chamber of Commerce firi Kitawonsa bosome da a ɛdikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa. [2]Ɔyɛ animuonyamfoɔ kuoba wɔ Council a ɛwɔ Ghana Association of Restructuring and Insolvency Advisors (GARIA).[3]

Nnwomasua sesa

Marieta hyɛɛ ne nnwomasua ase wɔ Tema Parents Association sukuu. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ St Roses sukuu (Akwatia) ɛhɔ na ɔtenaa nyaa ne Ordinary Level Certificate (O Level) ne Advanced Level Certificate (A Level). Ɔnyaa ne Bakyela wɔ mmara mu degree wɔ University of Ghana, Legon ne Okunini nkrataa a ɔde bɛyɛ mmara adwuma firii Ghana School of Law,(Makola). Ɛno akyire no na ɔkɔɔ Institute of Social studies,Hague a ɛwɔ Netherlands, kɔpɛɛ post Graduate degree.

Nnwuma sesa

Marietta abɛyɛ obi a ɔyɛ mmaranimnii bɛyɛ mfeɛ aduonu ni a ɔhyɛɛ saa adwuma no ase wɔ Fugar ne Co. Law firm. Ɔsane kɔyɛɛ panin wɔ wɔ Litthur Brew ne Co Law firm. Ɔyɛ onimuonyamfoɔ a ɔka Council wɔ Ghana Association of Restructuring and Insolvency Advisors (GARIA).[4]

Amanyɔsɛm sesa

Na ɔka Ghana@50 Commission nhwehwɛmu no ho ne ekuoba wɔ Volta River Authority(VRA) mu a ɛnkane Manpanin John Atta-Mills a wanya ne baabi kɔ ma ɔyii no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu.[5][6] Ɛnkane Manpanin John Dramani Mahama yii Marietta Brew Appiadu-Oppong sɛ Aban Laya ma Ghana ne Ghana ɔsoafoɔ a ɔhwɛ atɛntenenee so firi ɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa dekɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛdikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu.

 
Marietta Brew Appiah-Oppong and Ambassador Susana Ruiz Cerutti from Argentina.

International Chamber of Commerce sesa

Ayɛwohomummɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nwɔtwe mu no, wɔyii no sɛ ɔnsom mfeɛ mmiɛnsa wɔ amanɔne beaɛ a wɔhwehwɛ kɔɔto nsɛm mu bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa a ɛhyɛ aseɛ wɔ Kitawonsa bosome da a ɛdikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu dekɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so aduasa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu. Berɛ a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛfa no no hyɛɛ aseɛ wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe, wɔ ICC world Council nhyiamudie wɔ Paris.[7]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://web.archive.org/web/20131002102000/http://www.gbcghana.com/index.php?id=1.1272708
  2. https://www.myjoyonline.com/news/marietta-brew-appiah-oppong-made-icc-member/
  3. https://garia.org/governing-council/
  4. https://garia.org/governing-council/
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2022-04-16. Retrieved 2022-03-21.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/economy/artikel.php?ID=180538
  7. https://citinewsroom.com/2018/06/28/ghanas-marietta-brew-appiah-oppong-appointed-to-icc-arbitration-court/