Mary Salifu Boforo

Mary Salifu Boforo (wɔ woo no 25 Ogyefoɔ 1951) yɛ Gaanani. Ɔsan yɛ ɛnkane Gaana mmrahyɛbɛdwani ma Savelugu mpesua a ɛwɔ Atifi mantamu. Ɔtenaa mmrahyɛbɛdwa fie firi afe 1996 kɔ pem afe 2017. Na ɔsan yɛ mmrahyɛbɛdwam nipa maa National Democratic Congress (NDC). Wɔ afe 2016 abatoɔ mu ɔdii nkuguo fri hɔ na w'ankɔ mmrahyɛbɛdwafie bio.[1]

Mary Salifu Boforo
Mary Salifu Boforo
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
AnanmusiniAlhassan Abdulai
Member of parliament for Savelugu mpesua
Bere
7 January 1997 – 6 January 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
Ne ho asɛm
Awo bereSavelugu
Ne manGaana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (Ghana)
N'adwumaMmrahyɛbɛdwani

Abrabɔ ahyaseɛ ne sukuu sesa

Wɔ woo Boforo wɔ Savelugu, afe 1951 wɔ Ogyefo bosome mu da ɛtɔso 25. Ɔkɔɔ nsaanodwuma sukuu wɔ National Vocational Training Institute afe 1972.[2] Boforo yɛɛ Kuadwuma na ɔsan wɔ Abodootobea ne Sikakrabea adwuma ansana ɔbɛyɛ mmrahyɛbɛdwani.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Afiri afe 1996 na Boforo yɛ mmrahyɛbɛdwani maa Savelugu abatoɔ mpesua so. Afe 2014, odii nkan bɛ yɛɛ First Deputy Majority Chief Whip wɔ mmrahyɛbɛdwa fie. Boforo yɛ nipa nia w'atena mmrahyɛbɛdwa fie akyeɛ yie. Afe 2016, ɔdii nkuguo na Alhassan Abdulai Red gyina hɔ maa National Democratic Congress (NDC). Boforo bɔ dawuro ma mma ne nkwaadaa mfaahodie. Ɔsan yɛɛ dawurobɔ panyin ne Oguamtrani ma Ghana Developing Communities Association. Ɔyɛ nipa bia wɔ kai no wɔ mmrahyɛbɛdwafie esan n'amaneɛbɔ wɔ mmrahyɛbɛdwafie, ɔkaa sɛɛ: " The fight for equality between men and women goes beyond the case made for social justice but rather a fundamental human right that must be achieved." Ase kyerɛ ne sɛɛ pɛpɛɛpɛyɔ ko a ɛda mmarima ne mmaa ntam no kyɛn aseteram atɛntrenee nanso nipa ho mfaahodie na ahia.[1] Boforo bɔ dawuro ma mmaa wɔ bɔ dwuma den wɔ Afrika Atɔeɛ. Ɔsan dii adansieɛ sɛɛ dwuma a w'adi wɔ Savelugu kyerɛ sɛ mmaa bɛ tumi aboa wɔn nkuro.

1996 Abatoɔ Boforo nyaa mma 14,971 a ɛyɛ 50.90% na Alhassan Abudulai Abubakari a ogyina hɔ ma amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) nyaa mma 5,585 a ɛyɛ 19.00% na Bawa Muhammed Baba ogyina hɔ ma amannyɔkuo Convention People's Party (CPP) nyaa mma 2,108 a ɛyɛ 7.20%. Ɛnam saa abatoɔ yi so na Boforo di nkan kɔɔ mmrahyɛbɛdwafie.

Abrabɔ mu nsɛm sesa

Boforo yɛ ɔwarefo ɔsan wɔ nkwaada nnan.[3] Ɔyɛ Kramoni.[1]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Archive copy". Archived from the original on 2017-01-30. Retrieved 2022-04-18. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://ghanamps.com/mps/details.php/?id=118
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2016-09-19. Retrieved 2022-04-18.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)