Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mary Spio
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMary Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationwriter, engineer Sesa
educated atSyracuse University, Georgia Tech, Holy Child High School, Ghana Sesa
personal pronounL484 Sesa

Mary Spio yɛ obi a ɔkora hyɛn, tech innovator ne obi a ɔkura nnwuma pii. Ɔno ne CEEK Virtual Reality adwumawura ne ne Kɔfabaeɛ.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua sesa

Yɛtetee Spio wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Holy Child ntoasoɔ sukuu a ɛwɔ Cape Coast.[2] Ɔdii mfeɛ du nsia no ɔtu kɔtenaa Syracuse, New York a ɛwɔ US. Ɔkɔɔ Syracuse suapɔn a ɔnyaa abɔdeɛ mu nyansapɛ bakyela degree wɔ Electrical engineering wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe. [3]Ɛno akyire no ɔkɔsuaa Masters degree wɔ Electrical engineering ne computer Science mu firii Georgia Institute of Technology.[3]

Nnwuma sesa

Spio somm wɔ U.S wiemhyɛnbea bɛyɛ mfeɛ nsia wideband ne obi a ɔsiesie satellite a yɛde di nkɔmmɔ. Aberɛ ɔsom wieɛ wɔ wiemhyɛnbea hɔ no ɔsane kɔɔ beaɛ a wɔde satellite di nkɔmmɔ ɛna ɔnya akwanya a ɔbɛsiesie ansan abui satellite akɔ beaɛ pii wɔ NASA dwumadie mu. Ɔbɛyɛɛ Boeing dwumakuo panin a ɔda satellite a yɛde di nkɔmmɔ wɔ hɔ ano.[4]

CEEK VR

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num mu no, Spio kɔfaa CEEK Virtual Reality platform baeɛ, a seisei ɛyɛ beaɛ a yɛda biribi adi wɔ abɛɛfo ntentan so a ɛboa ma nnipa pii noa tumi nya wɔn akyidɔmfoɔ ne wɔn nya nkitahodie wɔ Virtual Reality headsets so, gaming Consoles, kasanomaa, kasanomaa kɛseɛ so, dɛsktɔp, laptɔp ne kasamfoni so.[5] CEEK VR platform no mu trɛ kɔɔ CEEK VR App ne CEEK wɛɛbsite.[6]

Ɔtwerɛfoɔ sesa

Spio yɛ ɔtwerɛ nnwoma sane yɛ ɔtwerɛfoɔ ma it's Not Rocket Science: 7 Game-changing Traits for uncommon success, nnwoma bi a wɔdaa no adi maa amansan hunuuiɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num, [7]ne A song for Carmine, a love-romance novel.[8] Ɔsane boa ma wɔtwerɛɛ chicken soup for the soul wɔ mmerɛ bi a atwam.[9]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ. sesa

  1. Archive copy, archived from the original on 2020-09-18, retrieved 2022-03-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.f6s.com/maryspio
  3. 3.0 3.1 https://ischool-dev.syr.edu/meet-the-2019-ischool-convocation-speaker-mary-spio/
  4. https://www.diversitywoman.com/the-joy-of-disruption/
  5. https://www.womentech.net/speaker/Mary/Spio
  6. https://ghc.anitab.org/speakers/2017-speakers/mary-spio/
  7. https://books.google.com/books?id=jNzbAwAAQBAJ
  8. https://books.google.com/books?id=McFEAwAAQBAJ
  9. https://www.paconferenceforwomen.org/speakers/mary-spio/