Maxwell Kofi Jumah

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Maxwell Kofi Jumah (wɔwoo no 26 June 1950) Ɔyɛ Ghana amanyɔni ne kan Kumasi Mayor, kan mmrahyɛbaguani ma Asokwa Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Jumah fi Amakom Antoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Wɔwoo no June 26, 1950 wɔ ne kurom. Kofi Jumah wɔ Master wɔ Adwumayɛ ho Abodin krataa wɔ Sikasɛm ne Amanaman Ntam Adwumayɛ mu wɔ Rutgers Sukuupɔn Graduate School of Management, United States of America wɔ afe 1983. Ɔyɛ Prempeh College sukuuni dedaw .

Adwuma sesa

Jumah yɛɛ adwuma sɛ Ghana Distilleries Company Limited (GDCL) no kwankyerɛfo panyin

Amammui mu adwuma sesa

Wɔ May 2001 mu no, Ghana Ɔmanpanyin a na ɔwɔ hɔ saa bere no, John Agyekum Kufuor, paw Jumah sɛ Kumasi Kuropɔn Bagua no Kumasi Panyin .[1] Afei ɔkɔɔ so gyinaa Asokwa Mansin ananmu bere a odii nkonim wɔ ne abatow mu wɔ afe 2004 Ghana Amansan Abatow mu no . Ɔkɔɔ so gyinaa ne Mansin ananmu wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 mu wɔ berɛ a wɔsan paw no wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatoɔ no mu akyi . Wɔ August 2007 mu no, Ghana Ɔmanpanyin, John Agyekum Kufuor kaa ntam sɛ mpɔtam hɔ aban nkuraase ne nkɔsoɔ soafoɔ abadiakyiri. Ɔsomm wɔ saa dwumadie no mu kɔsii 6 Ɔbɛnem 2009 berɛ a wɔde tumi maa John Evan Atta Mills aban no.

Abatow a wɔyɛ sesa

Wɔpaw Jumah sɛ mmrahyɛbadwani mma Asokwa mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 42,942 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 55,771 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 77% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Mahama Nyaba a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam, Ishmael Butler a ofi Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua, Peter Amankwa a ofi Nhyiam Nnipa Kuw ne Kobina Amo-Aidoo a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 660, 9,155, 512 ne 2,502 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 1.2%, 16.4%, 0.9% ne 4.5% yɛ pɛ.

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[2] Ná ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho . New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 34,801 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 55,819 mu.[2] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 62.35% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Kwaku Baah Bonsu a ofi National Democratic Congress ne Gyimah Akwanuasah a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[2] Eyinom nyaa abatow 7,653 ne 13,365 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu. Eyinom ne abatow a wɔtow no nyinaa mu 13.71% ne 23.94% yɛ pɛ.[2]

Ankorankoro asetra sesa

Jumah aware a ɔwɔ mma 5. Ɔyɛ Kristoni.

Nidi ne abasobɔde ahorow sesa

Wɔ June 2019 mu no, wɔmaa Jumah abasobɔdeɛ wɔ Ghana Manufacturers Awards a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu sɛ adwumayɛfoɔ panin (CEO) a ɔsen biara wɔ Afe no mu wɔ adwuma a ɔyɛeɛ wɔ Best GIHOC Distilleries Company Limited.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa

  1. Boadu-Ayeboafoh, Yaw (2005-01-29). Daily Graphic: Issue 149342 January 29 2005 (in English). Graphic Communications Group.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 60.