Mike Allen Hammah

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mike Allen Hammah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMike, Allen Sesa
family nameHammah Sesa
date of birth28 Ɔsanaa 1955 Sesa
place of birthWinneba Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, architect Sesa
position heldMember of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister for Transport and Telecommunications Sesa
educated atKwame Nkrumah University of Science and Technology, Central University College, Ghana Senior High Technical School (Takoradi) Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewMethodism Sesa

Mike Allen Hammah, wɔwoo no wɔ Ɔsanaa bosom da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduonum num(28 August 1955) yɛ mmarahyɛbadwanni na na ɔsan nso yɛ obia na ɔhwɛ nsaase ne ɔbɔadeɛ nnoɔma so wɔ Ghana. Ɔyɛ obia na ɔhwɛ akwatuo nsɛmsoɔ kɔsi Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nan mfe mpem mmienu ne dubaako (4 January 2011) mu a ɔmanpanin Mills baa aban mu a ɔyii no firii adeɛso.[1] Na ɔsan yɛ mmarahyɛbadwanni de ma Effutu mpasua so wɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana.[2]

Abrabɔ ahyɛseɛ ne nwomasua sesa

Wɔwoo Hammah wɔ Ɔsanaa bosom da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduonum num (28. August 1955).[3] Ɔfirii Winneba a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana.[4] Ɔkɔɔ Ghana Secondary Technical School ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Takoradi wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron ne afe apem ahankron ne aduoson nsia (1969 and 1976). Wawie Kwame Nkrumah asuapɔn babia ɔnyaa ne aadansie mfididwuma abɔdin a adikan wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe (1980).[3] Ɔsan tow ne nwomasua so ɛwɔ (Post-Graduate level) wɔ Central University College babia ɔnyaa ne (Master of Business Administration) abasobɔdeɛ wɔ sikasɛm mu wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu.[5]

N'adwuma sesa

Hammah adwuma a ɔyɛ ne adansie nhyehyeɛ, adansie ho nimdefo ne obi a osusu nsase.[6][3]

Amanyɔsɛm adwuma sesa

Hammah yɛ kuoba de ma kyinie amanyɔkuo (NDC). Mmarahyɛbadwam a ɔdikan kɔsɔm yɛ no hyɛ aseɛ wɔ afe ahankron ne aduokron nsia ne mfe mpem mmienu (1996 and 2000) sɛ mmarahyɛbadwanni a na ɔyɛ anamsini de ma Effutu mpasua no na wɔyii no sɛ ɔsoafo abadiekyiri a ɔhwɛ akwan ne akwantuo nsɛmsoɔ wɔ saa berɛ no mu.

Abatoɔ sesa

Wɔdikan too aba yi Hammah wɔ mmarahyɛbadwam a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia Ghanaman nyinaa abatoɔ ɛkɔso wɔ Effutu mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam mu wɔ Ghana. Abatoɔ a wɔtoo yɛ no, ɔnyaa mma mpem dubaako ahasa ne aduokron nwɔtwe (11,398) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan mmienu akyiri pɔ aduowɔtwe (42.80%) de kyɛn deɛ na ɔne no resi akan Joseph Nunoo-Mensah ɔsono amanyɔkuo (NPP) no anamsini a ɔnyaa mma mpem nkron ɔha ne aduanan nan (9,144), Emma H.Tandoh a na ɔyɛ CPP anamsini no annya aba biara wɔ abatoɔ no mu na Kingsley Arko-Sam a na ɔyɛ IND amanyɔkuo no anamsini no nso annya hwee wɔ abatoɔ no mu.[7] Ɔsan nso di nkonim wɔ mfe mpem mmienu (2000) a ɔnyaa mma mpem nkron ahason ne dunsia (9,716) de firii mma dodoɔ a na ɛyɛ mpem aduonu ne aduanan (20,040) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe akyiri pɔ du (48.10%) de kyɛn ne kansifo Oheneba A. Akyeampong a ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo no anamsini, Frank Ebo Sam a ɔyɛ IND anamsini, Kingsley Arko Sam a na ɔyɛ CPP amanyɔkuo no anamsini na Ebenezer Newman-Acquah a na ɔyɛ PNC amanyɔkuo no anamsini no nyaa mma mpem nkron ahanan ne aduoson (9,470), mma ahasa ne aduokron nkron (399), mma ahanu ne aduoson num (275) ne mma ɔha ne aduowɔtwe (180).[8]

Wɔtoo aba yi no sɛ mmarahyɛbadwanni wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so num wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana de ma Effutu mpasua berɛ a ɔdii nkonim wɔ mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghanaman nyinaa abatoɔ a ɛkɔɔ so a na ɔyɛ frankatuni de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no.[9] Wɔ saa abatoɔ yi mu no wɔyii no berɛ a ɔnyaa mma mpem dunum ahanu ne aduokron nson (15,297) de firii mma dodoɔ mpem aduonu nwɔtwe ne aduonum num (28,055) a wɔtoo no wɔ abatoɔ no mu a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nan akyiri pɔ num (54.5%).[3][10] Wɔtoo aba yii no de tia Owusu-Agyei a na ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo (NPP) no frankatuni na Henry Kweku Bortssie a na otu frankaa de ma CPP amanyɔkuo no. Wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyiri pɔ aduasa nkron (43.39%) na mmienu akyiri pɔ ohunu nwɔtwe (2.08%).

N'abrabɔ sesa

Hammah aware a ɔwɔ mmɔfra baasa (3). Ɔyɛ kristoni a ɔkɔ Methodist asɔre.

Hammah is married with three children.[3] He is a Christian (Methodist).[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Cabinet reshuffle: Zita dropped, Betty for education". Ghana Home Page. 4 January 2011. Retrieved 8 February 2011.
  2. "Hon. Mike Allen Hammah Minister for Transport". Ghana government. Retrieved 13 June 2010.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 "Ghana MPs - MP Details - Hammah, Mike Allen". 6 May 2016. Archived from the originalon 6 May 2016. Retrieved 9 July 2020.
  4. "Ghana MPs - MP Details - Hammah, Mike Allen". www.ghanamps.com. Retrieved 9 July 2020.
  5. "Mike Hammah, Minister for Lands and Natural Resources". mobile.ghanaweb.com. Retrieved 9 July 2020.
  6. "Archived copy". ghanamps.gov.gh. Archived from the original on 6 May 2016. Retrieved 12 January 2022.
  7. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Effutu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 5 October 2020.
  8. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Effutu Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 5 October 2020.
  9. "Results Parliamentary Elections". www.ghanaweb.com. Retrieved 9 July 2020.
  10. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 79.

San hwɛ bio sesa

  • List of Mills government ministers
Parliament of Ghana
Preceded by

R. E. A. Ayirebi-Acquah

Effutu

1997 – 2005

Succeeded by

Samuel Owusu Agyei

Preceded by

Samuel Owusu Agyei

Effutu

2009 – present

Incumbent
Political offices
Preceded by

Godfred T. Bonyon

Ministry for Transport

2009 – 2011

Succeeded by

Collins Dauda

Preceded by

Collins Dauda

Ministry for Lands and Mineral Resources

2011 – present

Incumbent