Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mike Allen Hammah (yɛwoo no Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe1955) yɛ amanyɔni ne kane soafoɔ ɔhwɛ nsase ne asase so nneɛma so wɔ Ghana. Ɔyɛɛ mansoafoɔ a ɔhwɛ akwantuo ho sɛm so kɔsi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dubaako (2011) mu a wɔyii no firii hɔ ɛnam nsasaeɛ a manpanin Atta Mills [1]debaa wɔ mansoafoɔ dwumadie mu. Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Effutu mpɛsoa a ɛwɔ Mfinimfin mantam (Central Region ) mu wɔ Ghana.[2]

Hon
Mike Allen Hammah
Mmarahyɛbadwani ma Effutu
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2009 – Ɔpɛpɔn 6, 2016
OdikanfoSamuel Owusu Agyei
AnanmusiniAlexander Ofenyo-Markin
Mmarahyɛbadwani ma Effutu
Bere
Ɔpɛpɔn, 1997 – Ɔpɛpɔn, 2005
Minister for Lands and Natural Resources
Mprenpren
Bere
Ɔpɛpɔn, 2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoCollins Daudu
Minister for Transport
Bere
Ɔpɛpɔn, 2009 – Ɔpɛpɔn, 2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoGodfred T. Bonyon
AnanmusiniCollins Duadu
Ne ho asɛm
Awo bereƆsanaa 28, 1955
Winneba
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma3
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology, Central University
N'adwumaDevelopment Planner/ Architect/ Quantity Surveyor

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua sesa

Yɛwoo Hammah wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduonum num (1995) mu.[3] Ɔfiri Winneba a ɛwɔ Mfinimfin Mantam (Central Region ) mu wɔ Ghana.[4] Ɔkɔɔ ne O level (Ordinary Level) ne A Level (Advanced Level) sukuu wɔ Ghana Secondary Technical School a ɛwɔ Takoradi firi afe apem ahankron ne aduosia nkron(1969) de kɔsi afe apem ahankron ne aduoson nsia(1976). Ɔnyaa ne suapɔn mu abasobɔdeɛ a adi kan wɔ Building technology mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe(1980) mu. Ɔtoaa so kɔ ne Post-Graduate sukuu wɔ Central University College a ɔde nyaa Master of Business Administration degree wɔ Sikasɛm mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe(2008) mu.[5]

N'adwuma sesa

Hammah yɛ Development Planner, Architect, ne Quantity Surveyor a ɛyɛ n'adwuma ankasa.

N'adwuma sɛ amanyɔni sesa

Hammah yɛ National Democratic Congress(NDC) kuoba. Ɔdii ne dwumadie a adi kan wɔ mmarahyɛbadwam firi 1996 kɔsi 2000 sɛ mmarahyɛbadwani ma Effutu mpɛsoa na wɔ san so yii no sɛ mansoafoɔ abediakyire ma asoeɛ a ɛhwɛ akwantempɔn ne akwantuo ho nsɛm so wɔ saa berɛ korɔ no ara mu. Wɔ Ɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron(2009) mu no, John Atta Mills de no tenaa akonnwa mu sɛ mansoafoɔ a ɔhwɛ akwantuo ho nsɛm so.[5]

Abatoɔ sesa

Hammah dii kan baa mmarahyɛbadwafieNational Democratic Congress(NDC) tikiti so wɔ ɔman Ghana nyinaa abatoɔ ma Effufu mpɛsoa a ɛwɔ Mfinimfin Mantam mu wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996). Ɔnyaa mma mpem dubaako, ahasa ne aduokron nwɔtwe(11,398) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmienu ne akyirepɔ aduowɔtwe(42.80%) wɔ mma dodoɔ a ɛbaeɛ no nyinaa mu, berɛ n'akansifoɔ Joseph Nunoo-Mensah a ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) kuoba nyaa mma mpem nkron, ɔha ne aduanan nan(9,144), Emma H.Tandoh a ɔno nso yɛ CPP kuoba nyaa mma ohunu na Kingsley Arko-Sam a ɔyɛ IND kuoba nso nyaa ohunu(0).[6] Ɔsan dii nkunim bio wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu a ɔnyaa mma mpem nkron, ahanson ne dunsia(9,716) wɔ mma dodoɔ mpem aduonu, ne aduanan(20,040) a ɛbaeɛ no nyinaa mu a na egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe ne akyirepɔ du(48.10%) berɛ a n'akansifoɔ Oheneba A. Akyeampong a ɔyɛ NPP kuoba nyaa mma mpem nkron, ahanan ne aduoson(9,470), Frank Ebo Sam a ɔyɛ IND kuoba nyaa mma ahasa ne aduokron nkron(399), Kingsley Arko Sam a ɔyɛ CPP kuoba nso nyaa mma ahanu ne aduoson num(275) na Ebenezer Newman Acquah a ɔyɛ PNC kuoba nso nya mma ɔha aduowɔtwe(180).[7]

Ɔdii nkunim bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so num wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan ma Effutu mpɛsoa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe(2008) Ghana abatoɔ mu wɔ NDC tikiti so.[8] Wɔ abatoɔ no mu no ɔyii no berɛ a ɔnyaa mma mpem dunum, ahanu ne aduokron nson(15,297) wɔ mma dodoɔ mpem aduonu nwɔtwe, ne aduonum num(28,055) a ɛbaeɛ nyinaa mu a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nan ne akyirepɔ num(54.5%).[9] Ɔdii nkunim wɔ Samuel Owusu-Agyei a ɔyɛ NPP kuoba a ɔnyaa mma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa ne akyirepɔ aduasa nkron(43.39%) ne Henry Kweku Bortsie a ɔyɛ CPP kuoba nso nyaa mma ɔha mu nkekyɛmu mmienu ne akyirepɔ ohunu ne nwɔtwe(2.08%).

Abrabɔ mu nsɛm sesa

Hammah aware wɔ mma mmiɛnsa. Ɔyɛ Kristoni a asɔre a ɔkɔ ne Methodist.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=200624
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2019-07-24. Retrieved 2022-08-23.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://web.archive.org/web/20160506161128/http://ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=152
  4. MPs (in American English), retrieved 2022-08-23
  5. 5.0 5.1 https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/people/person.php?ID=1174
  6. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/central/73/index.php
  7. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/central/73/index.php
  8. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/election.results.parliamentary.php
  9. https://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/10489.pdf