Robert Kwasi Amoah

Robert Kwasi Amoah (wɔwoo no Ahinime bosome a ɛtɔ so du-nson wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe, October 17, 1948) yɛ Ghana ɔmanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Achiase Mansin ananmuApueeɛ Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Robert Kwasi Amoah
Member of the Ghana Parliament
for Achiase Constituency
Ne ho asɛm
Awo bereNovember 17, 1948 (1948-11-17) (age 75)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

N'ankasa Abrabɔ sesa

Amoah yɛ Kristoni. Waware a ɔwɔ mma nwɔtwe.[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Amoah wɔ Ahinime bosome da aɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe (October 17, 1948). Ɔfiri Achiase, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu . Ɔkɔɔ Osei Tutu Training College baabi a na ɔwɔ ne Certificate A. Ɔsan nso nyaa ne Diploma wɔ Agricultural education mu wɔ St. Andrews College [3] Ɔkɔɔ University of Education, Winneba na onyaa ne Bachelor of Education ne Master of Philosophy abodin krataa wɔ Guidance mu ne Afotu a Wɔde Ma.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Amoah yɛ New Patriotic Party (NPP) no muni.[1][4] Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mu (2020) New Patriotic Party primaries mu no, ɔdii nkogu wɔ Kofi Ahenkorah Marfo anim.[5][6]

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu sesa

Wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu wɔ Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Achiase mpɛsoa mmarahyɛ badwa no mu a ɔnyaa abatoɔ no amma mpem dunan, ahammiɛnsa ne nkron (14,395) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduosia mmienu akyiri pɔ aduosia nson (62.67%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ badwa no muni Dr. Kwasi Akyem Apea-kubi nyaa abatoɔ no amma mpem nwɔtwe ahanum ne mmiɛnsa (8,503) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduasa nson akyiri pɔ mmienu (37.02%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na... NDP mmarahyɛ badwa kandifoɔ Charles Kwabena Kurankye nyaa abatoɔ 73 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtow no nyinaa mu 0.32%.[7][8][9]

2016 abatoɔ sesa

afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu, ɔsan dii nkonim wɔ Achiase Constituency mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 14,659 a ɛyɛɛ 68.74% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ bagua kandifoɔ Yaw Sam-Korankye nyaa abatoɔ 6,339 a ɛyɛɛ 29.72% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na CPP mmarahyɛ baguani ɔkannifoɔ Botwe Ernest nyaa abatoɔ 328 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 1.54%.[10]

Badwakuo ahodoɔ sesa

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no, na Amoah yɛ Select Committee no Titenani a ɔreyɛ adwuma.[11]

Adwumayɛ sesa

Amoah yɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Panin wɔ LA JSS wɔ Achiase[1]

Adɔeɛ sesa

kɔtɔnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe (May 2018) mu no, ɔsii dan wɔ oil palm adwumayɛbea a ɛwɔ ne mantam mu.[12]

Wɔ Ɔgyefoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu aduonu (2020) mu no, Amoah sii dan bi sɛ ɛbɛyɛ Achiase Mantam Polisifoɔ adwumayɛbea ti. Ɔsan nso maa sukuufoɔ du 10 sika a wɔde bɛkɔ akɔtoa wɔn sukuupɔn so. Ɔsan maa akuafoɔ a wɔwɔ ne mantam mu no nufuo na ɔkyekyɛɛ ngo nnuadewa bɛyɛ mpem aduosia 60,000.[13]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Darlene Esinam Okai, Abubakar Manu, Emefa Modey Amoah, Amos Laar, Joseph Akamah, Kwasi Torpey (2019-10-15), Patient-level factors influencing hypertension control in adults in Accra, Ghana, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. {{cite web}}: Empty citation (help)
  4. Mike Thelwall (2023-04-01), "Can first or last name uniqueness help to identify diaspora researchers from any country?", Journal of Data and Information Science, vol. 8, no. 2, pp. 1–25, doi:10.2478/jdis-2023-0013, ISSN 2543-683X, retrieved 2023-10-01
  5. Evans Annang (2021), "The Economic Impact on Africa without Foreign Aid (A Case Study on Ghana)", SSRN Electronic Journal, doi:10.2139/ssrn.4199293, ISSN 1556-5068, retrieved 2023-10-01
  6. "The impact of socio-economic status and sanitation levels on the prevalence of diarrhoeal diseases in the Akim Oda area of Ghana", The Internet Journal of Epidemiology, vol. 6, no. 2, 2009, doi:10.5580/15c, ISSN 1540-2614, retrieved 2023-10-01
  7. Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-01
  8. Ghana - Official Gazette, retrieved 2023-10-01
  9. "Front Matter", Constituency Influence in Parliament, University of British Columbia Press, pp. i–iv, 2012-04-12, ISBN 978-0-7748-2158-2, retrieved 2023-10-01
  10. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01
  11. P. H. Rank, R. M. Satasiya, B. B. Limbasiya, H. V. Parmar, G. V. Prajapati (2023), "Sweet corn crop yield response to aerated drip irrigation under various irrigation water management strategies", Emergent Life Sciences Research, vol. 09, no. 01, pp. 10–21, doi:10.31783/elsr.2023.911021, ISSN 2395-664X, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  12. MP Builds Palm Oil Factory For His Constituents | GhHeadlines Total News Total Information (in American English), 2018-05-10, retrieved 2023-10-01
  13. Brazil: Daily shootouts and alarming rise in police killings puts Olympic legacy at risk, retrieved 2023-10-01