Ruth Ama Gyan-Darkwa

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ruth Ama Gyan-Darkwa(wɔwoo no kotonimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa (23) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu) yɛ Ghana nimdefoɔ a ɔwɔ adom akyɛdeɛ. Ɔyɛ ɔsuanii a ɔsua koraa wɔgyee no wɔ Kwame Nkrumah suapɔn mu wɔ Kumasi.[1]

Ruth Ama Gyan-Darkwa
Awo bere29 May 2004
CitizenshipGhana
AdesuaChrist Our Hope International School, Abraham Lincoln Junior High School, St. Louis Senior High School, Kwame Nkrumah University of Science and Technology
Sukuu a w'akɔSt. Louis Senior High School
N'adwumaStudent
Yɛnim no sɛMathematics
Parent(s)Kwadwo Gyan-Darkwa
RelativesJosephine Gyan-Darkwa

Ne mfeɛ a ɛdikan ne nnwomasua sesa

Wɔwoo Gyan-Darkwa kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu wɔ Kumase a Kwadwo Gyan-Darkwa ne ne yere na ɛwoo no.[1] Ɔkɔɔ ne mfiteaseɛ ne ne ntoasoɔ sukuu wɔ" Christ our Hope International" wɔ Kumase ne "The Abraham Lincoln " wɔ ne nnidisoɔ so. Ɛno akyire no ɔsane kɔɔ "Justice International School" wɔ Kumase. Ɛnam ne nimdeɛ a na ɛwɔ anim nti ɔtwaa mperɛ mmienu ama baako wɔ suadan biara a ɔbɛkɔ mu na yahuri no atera so kɔ suadan foforɔ mu. Ɔdii mfeɛ nkron a na watwa mperɛ baako wɔ "Justice International School" wɔ Kumasi no, ɔkɔ twerɛ ntoasoɔ sukuu nsɔhwɛ( B.E.C.E) na ɔtwaeɛ. Ɛbaa na saa no wɔgyee no wɔ "St. Louis Senior High School' a ɛwɔ Kumasi a ɔsua abɔdeɛ mu nyansapɛ wɔ berɛ a wadi mfeɛ du.

Ɔwiee ntoasoɔ sukuu a ɛtɔ so mmienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson wɔ berɛ wadi mfeɛ du mmienu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu no, wɔgyee no wɔ Kwame Nkrumah suapɔn mu sɛ ɔmmɛ sua nkontaabuo, sane nso yɛɛ osuani a ɔsua a wagye no suapɔn no mu.[2] Ɛnam ne nimdeɛ nti Ghanafoɔ pii no ara bɛyɛɛ ɔno ne n'abusuafoɔ mmoa wɔ sika fam. Ɔmanpanin abɛdiakyire yere Samira Bawumia hyɛɛ ne bɔ sɛ ɔbɛhwɛ no wɔ ne suapɔn sukuu a ɔrekɔ no mu na wasane ahwɛ n'awofoɔ apomuden atua ka biara. Ne nuabaa, Josephine Gyan-Darkwa, a ɔno nso twaa ne nsɔhwɛ a n'anisoadehunu ne sɛ ɔbɛkɔ Germany akɔsua "medicine" nso nyaa nnwomasua boafoɔ nkrataa firii "Benard Antwi Boasiako" sɛ ɔkɔtoa n'adesua so wɔ Germany.[3]

Anikasɛm bi a ɛfa Ruth ho sesa

Awuraa Ruth Ama Gyan-Darkwa awie Kwame Nkruma suapɔn sɛ adesuafoɔ a ɔsua yie pa ara a wawie Kwame Nkrumah suapɔn a ɛwɔ Kumasi no. Ɔnyaa akwanya kɔɔ suapɔn no mu berɛ a na wadi mfie du-mmiensa wɔ afe mpem mmienu ne du-nson mu sɛ ɔnkɔ sua nkontabuo a yɛka no borɔfo kasa mu sɛ BSc Mathematics berɛ a na wabɔ ne ho mmɔden yie pa ara wɔ ne ntoasoɔ sukuu sɔhwɛ a yɛfrɛ no sɛ WASSCE no.[4] ɔwie suapɔn no, abɔdin krataa a ɔdekɔɔ fie ne Second Class Upper wɔ nkontabuo mu.[5]

Awuraa Ruth Ama Gyan-Darkwa yɛ owura ne owura yere Kwadwo Gyan-Darkwa a ɔyɛ adwuma wɔ space college no ba baa. Ruth firi kuro a yɛfrɛ no sɛ Anyimon a ɛwɔ Berekum mpɔtam hɔ a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu, nanso ɔne ne papa a ɔkyerɛ adeɛ wɔ Prempah Kɔlɛgyi no na ateɛ wɔ Prɛmpɛ Kɔlɛgyi sukuu mu hɔ ɛsiane sɛ ne papa yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ panin wɔ Kɔlɛgyi no mu.

Ruth Ama Gyan-Darkwa ne Ghana abatoɔ kɔmisa dadaa a yɛfrɛ no sɛ Afari Gyan bɔ abusua korɔ. Ama Ruth hyɛɛ ne sukuu ase wɔ berɛ a wadi afe ne abosome nson wɔ sukuu a yɛfrɛ no sɛ Christ Our Hope International school a ɛwɔ Kumasi ansa na akyire yi no ɔrekɔtoa so wɔ Abraham Lincoln J.H.S a ɛyɛ adantamo sukuu. ɔtwerɛɛ ne suhwɛ a ɛdi kan a yɛfrɛ no sɛ BECE no wɔ berɛ a na ɔwɔ JHS 1 wɔ sukuu a yɛfrɛ no sɛ Justice international sukuu a ɛwɔ Asuofua wɔ Asante mantam no mu, ɔbɔɔ ne ho mmɔden yie pa ara wɔ sɔhwɛ no mu maa ɔnyaa akwanya kɔɔ ST. Louis SHS berɛ a na wadi mfie du, na berɛ a na ɔrewie ST Louis ntoasoɔ sukuu no na wadi mfie du-mmienu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 "My son will break his sister's record – 13-year-old KNUST student's father". www.ghanaweb.com. Retrieved 2019-10-29.
  2. Hot Audio: God is the reason - 13-year-old KNUST student says". www.myjoyonline.com. 2017-10-11. Retrieved 2019-10-29
  3. Hammond, Michael (2017-10-20). "NPP's Chairman Wontumi to sponsor sister of 13-year old KNUST student abroad". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2019-10-29.
  4. Archive copy, archived from the original on 2021-12-01, retrieved 2022-04-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.gbcghanaonline.com/news/education/17-year-old-knust-graduate-ruth-gyan-darkwa-a-motivation-to-girls/2021/