Abdul-Rashid Pelpuo

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Abdul-Rashid Hassan PelpuoGhana ɔmanyɔni . Ɔyɛ mprempren mmrahyɛbagua no muni ma Wa Central mantam a ɛwɔ Upper West Region of Ghana.[1][2]

Hon.
Abdul-Rashid Hassan Pelpuo
Member of Parliament for Wa Central Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Member of the Ghana Parliament
for Wa central
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
Member of Parliament for Wa Central Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Member of Parliament for Wa Central Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoSeidu Mummuni Abudu
Minister for Youth and Sports
Bere
Feb 2009 – Feb 2010
ƆmanpanyinJohn Evans Atta Mills
OdikanfoMuntaka Mohammed Mubarak
AnanmusiniAkua Dansuah
Ne ho asɛm
Awo bere5 May 1964 (1964-05-05) (age 60)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaDevelopment Worker/Architect/Quantity Surveyor
CommitteesGovernment Assurance Committee-Ranking Member;

Employment, Social Welfare and State Enterprises Committee Lands and Forestry Committee

Business Committee(7th Parliament of 4th Republic of Ghana)

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua sesa

Wɔwoo no wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so anum (5) afe 1964 na ɔfiri Wa a ɛwɔ Atifi Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana. Na ɔwɔ ne Mfinimfini Sukuu Adesua Krataa wɔ 1976 mu. Ɔsan nso nyaa ne O level nhomasua wɔ afe 1983 mu ne ne A level nhomasua wɔ afe 1986 mu. Ɔsan nso wɔ abodin krataa wɔ Sikasɛm mu (Diploma in Economics) wɔ afe 1994 mu na ɔsan nso nyaa abodin krataa wɔ Adwene ne Nneyɛe Ho Adesua mu (Degree in Psychology) wɔ afe 1994 mu. Ɔsan nso wɔ Master’s abodin krataa wɔ Amanaman Ntam Nsɛm mu (master's degree in International Affairs) wɔ 1998 mu. Onyaa PhD abodin krataa wɔ Nkɔsoɔ Nhyehyɛeɛ mu (PhD in Development Policy) wɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana), Afrika Adesua mu (African Studies) wɔ afe 2013.[3]

Adwuma sesa

Na ɔyɛ ɔfotufo (consultant) ma Institute of Policy Alternatives. Ɔsan nso yɛ Sikasɛm ho Ntamgyinafoɔ Abadiakyiri (Deputy Coordinator of Finance) ma Ɔman Mmabun Badwa (National Youth Council) no na akyiri yi ɔyɛɛ asoɛeɛ korɔ no ara sohwɛfoɔ (Director ) na ɔkɔɔ so bɛyɛɛ Kuadwuma Ag. Regional a ɛwɔ asoɛe koro no ara mu.[3]

Amanyɔsɛm mu Asetra sesa

Ɔkɔɔ Ghana mmrahyɛbagua no mu wɔ afe 2005 mu bere a odii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ Ghana mmrahyɛbagua abatow mu wɔ December 2004 mu no.

Na Pelpuo yɛ Ɔman Ɔsoafoɔ wɔ Ɔmampanyin adwumayɛbea hɔ berɛ a Ɔmampanyin John Atta Mills paw no sɛ Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafoɔ wɔ September 2009 mu wɔ Muntaka Mohammed Mubarak a ɔno nso yɛ Asawase MP no gyaee adwuma no akyi.[4][5] Ɔsomm wɔ saa dibea yi mu kɔsii berɛ a wɔreyɛ nsakraeɛ wɔ aban mu wɔ bosome Ɔpɛpɔn afe 2010.[6] Wɔde Ghana ɔbaa a ɔdi kan a ɔhwɛ Agumadiɛ so, Akua Dansua, sii n’ananmu na wɔpaw no sɛ Dodow no Kannifoɔ abadiakyiri wɔ mmrahyɛbagua no mu mmom. Wɔsan nso too aba sɛ Ghanafoɔ baanum a wɔwɔ Afrika mmrahyɛbagua no mu baako wɔ South Africa baabi a ɔdii dwuma berɛ bi kosii afe 2013.[7] Wɔ John Mahama nnisoɔ mu (2012 - 2016) wɔpaw no sɛ Ɔman Ɔsoafoɔ wɔ Ɔmampanyin a ɔhwɛ Ankorankoro Nkɔsoɔ ne Ɔmanfoɔ Ankorankoro Nkɔmmɔdie (PPP) so no Dwumadibea. Ná ɔsan yɛ Sikasɛm sohwɛ Kuw (EMT) no muni. Wɔ afe 2016 mu no ɔdii nkonim wɔ n’akongua so ne mpɛn anan wɔ mfeɛ nnan bio sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Wa Central Constituency. Wɔpaw no sɛ caucus kɛseɛ a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbagua, The Population and Development Caucus no guamtrani ne Parliamentarians for Global Action, Ghana Chapter no kannifoɔ. Ɔsan nso kuraa Aban Awerɛhyem Boayikuo no mufoɔ dibea a ɛwɔ dibea, ɔhwɛ boayikuo a ɛho hia a ɛhwɛ aban Asomfo so na ɛhwɛ wɔn so wɔ bɔhyɛ a wɔhyɛ nkurɔfoɔ no ho na wɔnni saa bɔhyɛ ahodoɔ no akyi. Hwɛ Daa Ahyɛdeɛ (ahyɛdeɛ 151, 2j) ne mmrahyɛbagua Boayikuo a ɛhwɛ Paw Amanneɛbɔ so. Hon Pelpuo nso sii akan wɔ 2020 mmrahyɛbagua ne Ɔmampanyin amansan abatow no mu na odii nkonim wɔ afe a ɛto so anum a ɛyɛ mfe 4 sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Wa Central @2020 Ɛmfa ho sɛ Nsɛm ho amanneɛbɔfo wɔ hɔ. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmanfo ne Nkɔso Kuw no Titenani wɔ afe a ɛto so abiɛsa mu ne Asase Boayikuw no muni a ɔwɔ dibea. Ɔsan nso yɛ Ahoɔden ne Adwumayɛ Boayikuw ahorow no muni. Hwɛ amanneɛbɔ a ɛfiri 2021 mmrahyɛbagua Boayikuo a ɛfa paw ho.[7]

Afe 2004 Abatow sesa

Wɔpaw Pelpuo sɛ Wa Central mantam no mmrahyɛbaguani wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[8][9] Ɔnam saayɛ so gyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu.[10] Wɔde abatow 21,272 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata 41,501 a wɔtow no nyinaa mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 51.3% yɛ pɛ.[8][9] Wɔpaw no sen Mornah Anbataayela Bernard a ofi People’s National Convention, Mohammed Adama Kpegla a ofi New Patriotic Party, Abu Mumuni a ofi Convention People’s Party, Osman Mohammed a ofi Democratic People’s Party ne Osman Imam Sidik a ɔyɛ obi a ɔde ne ho.[8][9] Eyinom nyaa abatow 12,280, abatow 7,249, abatow 376, abatow 172 ne abatow 152 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 29.6%, 17.5%, 0.9%,0.4% ne 0.4% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[8][9] Wɔpaw Pelpuo wɔ National Democratic Congress tekiti so.[8][9][10] Ne nyinaa mu no, National Democratic Congress dii nkonim wɔ nnipa kakraa bi a wɔka bom yɛ mmrahyɛbagua ananmusifo 94 wɔ nkongua 230 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛto so 4 a ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mu.[11]

Boayikuw ahorow sesa

Ɔyɛ Asase ne Kwae Boayikuw (Lands and Forestry Committee) no muni a ɛwɔ dibea. Ɔsan yɛ Fam Agudie ne Ahoɔden Boayikuw (Mines and Energy Committee) no muni na ɔsan yɛ Adwumayɛ Boayikuw (Business Committee) no muni.[3]

N'abrabɔ mu nsɛm sesa

Abdul Rashid yɛ Nkramoni.[3]

Hwɛ eyi nso sesa

Ntotoho sesa

  1. Boakye, Edna Agnes (2021-07-09). "'Demoting reckless Wa soldiers commendable, but not punitive enough' – Rashid Pelpuo". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). Retrieved 2022-01-16.
  2. "Take up bills, compensate and render apology to victims – Wa Central MP to military - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2022-01-16.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-01-16.
  4. "Embattled Sports Minister Muntaka resigns". General news. Ghana Home Page. 26 June 2009. Retrieved 18 April 2012.
  5. Darko, Stephen. "Rashid Pelpuo confirmed as Sports Minister". Local Sports News. Today Newspaper. Archived from the original on 26 January 2013. Retrieved 18 April 2012.
  6. "President Mills reshuffles Ministers". General news. Ghana Home Page. 25 January 2010. Retrieved 18 April 2012.
  7. 7.0 7.1 "Reshuffle Blues: Sena Dansua Heads Sports Ministry". General news. Ghana Home Page. 26 January 2010. Retrieved 18 April 2012.
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 8.4 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Wa Central Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 9.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections (PDF). Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 191.
  10. 10.0 10.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. The Office of Parliament. 2004.
  11. "Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results". Fact Check Ghana (in American English). 2016-08-10. Retrieved 2020-08-03.