Bright Wireko-Brobby

Bright Wireko-Brobby
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameBright Sesa
family nameBrobbey Sesa
date of birth6 Ɔpɛpɔn 1972 Sesa
beae a wɔwoo noHemang Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationcivil servant Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atKwame Nkrumah University of Science and Technology, Ghana School of Law Sesa
academic degreeMaster of Science Sesa
academic majorregional development Sesa
residenceHemang Sesa
work locationNkran Sesa
work period (start)7 Ɔpɛpɔn 2017 Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Bright Wireko-Brobby (wɔwoo no 6 Ɔpɛpɔn 1972) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa no muni a ɔgyina Hemang Lower Denkyira Mansin ananmu wɔ Mfinimfine Mantam wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Ɔsan nso yɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Adwumayɛfo Nkitahodi so.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Wireko-Brobby wɔ 6 Ɔbɛnem 1972 na ɔfiri Twifo Hemang wɔ Mfinimfini Mantam mu wɔ Ghana. Ɔwɔ MSC wɔ Nhyehyɛeɛ mu ne LLB wɔ Faculty of Law wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so. Ɔtoaa so kɔɔ Dortmund Suapɔn mu baabi a ɔnyaa Postgraduate Diploma wɔ Spatial Planning mu.

Adwuma sesa

Wireko-Brobby ne ahyehyɛdeɛ te sɛ USAID, UNHCR ne UNDP ayɛ adwuma. Ɔne Ghana Nhomasua Dwumadibea nso yɛɛ adwuma. Na ɔsan nso yɛ Ɔkwankyerɛfoɔ Panyin a ɔhwɛ Community Empowerment Associates so.

Amanyɔsɛm sesa

Wireko-Brobby yɛ New Patriotic Party no muni. Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no muni ma Hemang Lower Denkyira Abatoɔ Mpɛsua wɔ Mfinimfini Mantam mu.

2016 election sesa

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatow mu no, odii nkonim wɔ Hemang Lower Denkyira Constituency mmarahyɛ bagua no mu a na abatow 15,043 na ɛyɛ 58.4% wɔ ne nyinaa mu abatow a wɔtow bere a NDC mmarahyɛ baguani Foster Joseph Andoh nyaa abatow 10,338 a ɛyɛɛ abatow a wɔtow nyinaa mu 40.1%, PPP mmarahyɛ baguani Paul Kinsley Ambantem nyaa abatow 257 a ɛyɛɛ abatow a wɔtow no nyinaa mu 1.0% na CPP mmarahyɛ baguani John Felix Krampah nyaa 119 votes making 0.5% of the total votes cast.

2020 abatoɔ sesa

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Hemang Lower Denkyira Constituency mmarahyɛbadwa atenaeɛ no mu de abatoɔ 14,791 yɛɛ 52.9% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛbadwa no ɔkannifoɔ Foster Joseph Andoh nyaa abatoɔ 12,692 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 45.4% na GUM mmarahyɛ baguani kandifoɔ Appiah Kubi nyaa abatoɔ 473 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 1.7%.

Boayikuo sesa

Wireko-Brobby yɛ Aguadiɛ no muni , Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuw na ɔsan yɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no muni.

N'asetena sesa

Wireko-Brobby yɛ Kristoni.