Emmanuel Kwame Duut

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Emmanuel Kwame Duut (wɔwoo no 6 June 1959) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no muni a ɔgyina Bunkpurugu-Yungoo Mansin ananmu wɔ Ghana Atifi Mantam mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Duut wɔ 6 June 1959 wɔ Najong, wɔ Ghana Atifi Mantam mu . Ɔkɔɔ Nhomasua Sukuupɔn, Winneba (UEW) wɔ afe 2004 mu na onyaa Bachelor of Education (B.Ed. ).

Adwuma sesa

Na ɔyɛ Bunkpurugu-Yunyoo Senior High School Ɔkyerɛkyerɛfo Boafo ne mmrahyɛbaguani ma Bunkpurugu-Yunyoo Mansin (2009-2013).

Amanyɔsɛm sesa

Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra mmrahyɛbagua no mu wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ December 2008 Ghana amansan abatoɔ mu sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Bunkpurugu-Yunyoo Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. Wɔ afe 2008 abatoɔ no mu no, ɔnyaa abatoɔ 9,205 wɔ abatoɔ 32,078 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 28.7%. Ɔsan sii akan wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu na Solomon Namliit Boar a ɔyɛ New Patriotic Party no muni a ɔnyaa abatoɔ 10,829 a ɛgyina hɔ ma 38.85% dii no so nkonim. Ɔdii mfeɛ baako pɛ sɛ mmrahyɛbaguani .

Ankorankoro asetra sesa

Ɔwaree na ɔwɔ mma baakron. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Katolek Asɔre no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa