Emmanuel Kyeremateng Agyarko

Emmanuel Kwabena Kyeremateng Agyarko a Wɔwoo no(10 Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so du wɔ Afe apem ahenkron aduonum -nson kɔsi Ahinime bosome da ɛtɔ so aduonu -baako wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne du- nwɔtwe mu a ɔfirii mu no yɛ Ghana amanyɔni a ɔfiri New Patriotic Party (NPP) mu. Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani maa Ayawaso West Wuogon Mansini a ɛwɔ Accra firi mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu kɔsii ne wuo wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne du -nwɔtwe mu. [1] Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nea ɛde ne wu baeɛ, wɔ Yale–New Haven Ayaresabea no, ne acid a ɛsan kɔ nipadua no mu ne yare a ɛyɛ hu a ɛwɔ akisikuru mu.

Na Abrabɔ ne Nwomasua sesa

Na ɔyɛ nnuruyɛfoɔ denam nteteeɛ so na ɔkɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology, baabi a ɔnyaa abodin krataa a ɛdi kan wɔ nnuruyɛ mu.[2] Na ne maame firi Krobo Odumase a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu na ne papa nso firi KumasiAsanti Mantam mu. Na waware na na ɔwɔ mma nson. Owuiɛ Dwoda, 21 Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so aduonu -baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu wɔ yareɛ tiawa bi a ɔyareɛ no ​​oprehyɛn a wɔde siesie no akyi. [3][4]

Ɔfiri amammuo abusua mu. Ne nuabarima, Boakye Agyarko yɛɛ Ahoɔden Soafoɔ wɔ New Patriotic Party aberɛ so a ɛdi kan a Nana Akuffo Addo yɛeɛ no mu na ɔsan nso yɛɛ Aduane ne Nnuru Boayikuo no soafoɔ panin.[3] Ne nuabea, Dedo Difie Agyarko-Kusi, yɛ Ghana ɔnanmusifoɔ a ɔwɔ South Korea mprempren na ɔyɛ kan Mmarahyɛbadwa kandifoɔ ma Lower Manya Krobo wɔ New Patriotic Party din mu.[5]

Agyarko nso yɛ Mmarahyɛbadwa no Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuo no Titenani na bere bi na ɔyɛ Aban no Awerɛhyem ne Akwahosan Boayikuo ahorow no mu.[6]