G. E. K. Aikins

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
G. E. K. Aikins
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGeorge Sesa
date of birth2 Ɛbɔ 1923 Sesa
place of birthSika Mpoano Sesa
date of death2013 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationƆtɛnmuafo Sesa
position heldMinister of Justice of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana, Attorney General of Ghana, Attorney General of Ghana Sesa
educated atUniversity of London Sesa

George Emmanuel Kwesi Aikins (wɔwoo no Ɛbɔ da a ɛtɔ so mmienu afe apem ɔha nkron ne aduonu mmiɛnsa no mu;[1] ɔwuu Oforisuo bosom da a ɛtɔ so du nson wɔ afe mpem mmienu ne du mmiɛnsa no mu a na ɔyɛ mmaranimfoɔ ne ɔmanyɔni ma PNDC aban aberɛ so wɔ Ghana.[2][3] Na ɔsan nso yɛ Ghana Asɛnnibea Kunini ne tɛmmuafoɔ wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu.[4]

N'abrabɔ mfitiaseɛ ne ne nnwomasua sesa

Wɔwoo Aikins wɔ Ɛbɔ da ɛtɔ so mmienu afe apem ɔha nkron ne aduonu mmiɛnsa (1993) no mu. Ne mfitiaseɛ nwomasua hyɛɛ aseɛ wɔ afe apem ɔha nkron ne aduasa nan(1934) mu wɔ Ahmadiya Mfitiaseɛ Sukuu mu. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduanan mmienu (1942) mu no, wɔde no kɔɔ African Methodist Episcopal School a ɛwɔ Cape Coast, osuaa adeɛ wɔ hɔ afe baako. Na ɔwɔ kokoam adesua ne bere fa adesua nso. Wɔkyerɛ sɛ na ɔyɛ sukuufoɔ a wɔyɛ basabasa tiaa sɛ wɔkyeree nnipa nsia akɛseɛ no wɔ afe apem ɔha nkron ne aduanan nwɔtwe (1948) mu sɛ Mfantsipim sukuuni no mu nipa.[5] Ɔtoaa so wɔ Ghana Mmara Sukuu mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nwɔtwe (1958) mu na ɔnyaa ne mmara ho adansedie krataa wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia baako (1961). Ɔkaa asuafoɔ nkron a wɔdii kan gye wɔn din sɛ mmaranimfoɔ firi sukuu no mu wɔ Ayɛwohomumuɔ da a ɛtɔ so aduonu mmienu afe apem ɔha nkron ne aduasia mmiɛnsa (22 June,1963) .[6] Ɔsan nso sua ade sɛ abɔnten so osuani wɔ London Sukuupɔn mu.[7]

Adwuma ne Amanyɔsɛm sesa

Aikins kɔkaa ɔman adwumayɛfoɔ ho wɔ afe apem ɔha nkron ne aduanan nkron (1949) mu sɛ ɔkyerɛfoɔ a ɔto so mmienu wɔ ɔfa a ɛto so mmienu, na akyiri no ɔbɛyɛɛ adwumayɛfoɔ panyin. Ɔsomm saa dibea no kosii afe apem ɔha nkron ne aduasia mmiɛnsa (1963) mu berɛ a wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Ghana bar. Saa afe no ara mu no ɔfaa dibea sɛ ɔman mmaranimfoɔ boafoɔ akyire no ɔkɔɔ so kɔɔ ɔman mmaranimfoɔ panyin dibea mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson nnum (1975). Na ɔyɛ Ɔman Aban Asoɛe no fotufoɔ fi afe apem ɔha nkron ne aduoson mmiɛnsa (1973) kosi afe apem ɔha nkron ne aduoson nsia (1976) na na ɔyɛ Polisifoɔ Bagua no mu kuoba fi afe apem ɔha nkron ne aduoson nkron (1979) kosi afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe baako (1981). Na ɔsan nso yɛ Afiase Dwumadibea Boayikuw no mu kuoba wɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson nkron (1979). Wɔ afe apem cha nkron ne aduowɔtwe mmienu (1982) mu no, bere tiaa mu Ɔman Bammɔ Bagua no paw no sɛ Atemmuo Ɔkyerɛfoɔ ne Mmaranimfoɔ Panyin.[7][8][9][10][11] Ɔdii saa dibea yi kɔsii afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988). Akyiri yi wɔpaw no sɛ Ghana Asɛnnibea kunini no temmuafoɔ.[12] Ɔkɔɔ pɛnhyen wɔ Ɛbɔ da a ɛtɔ so mmienu afe mpem ɔha nkron ne aduokron nwɔtwe (1998).[13]

Ankorankorɛ asetra sesa

Ná waware na ɔwɔ mma nson. N’anigyedeɛ ahorow bi ne bɔɔlbɔ, turoyɛ ne pon so tɛnis.[7]

Sɛnea afeda afahyɛ bi a wɔde mae wɔ Daily Graphic nhoma mu kyerɛ no, Oforisuo da a ɛtɔ so du nson mfe mpem mmienu ne du nan (April 17, 2014) no mu na ɔwuiiɛ.[1]

Babia Menya Mmoa Firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 "1st Anniversary in the cherished memory of a patriarch for all seasons his lordship Justice George Emmanuel Kwesi Aikins," Daily Graphic, Issue 19437, p. 50, 17 April 2014. @Google Books Retrieved 19 December 2022.
  2. GNA,"Aikins backs Tsikata at NRC sitting", Ghanaweb, 15 March 2004.
  3. GNA,"Tsatsu Tsikata cross-examines Justice Aikins at NRC", Ghanaweb, 21 June 2004.
  4. "Ghana: I Was Not Satisfied With the Evidence of Amartey Kwei – G. E. K. Aikins". AllAfrica. Retrieved 10 May 2019.
  5. Kwesi Hagan,"Moments on the journey to independence – ‘The Monsoon holidays’", Graphic Online, 2 November 2016.
  6. "History". Ghana School of Law. Retrieved 10 May 2019.
  7. 7.0 7.1 7.2 Uwechue, Ralph (1991). Africa Who's who. Africa Journal Limited. p. 109. ISBN 9780903274173.
  8. Asamoah, Obed (2014). The Political History of Ghana (1950–2013): The Experience of a Non-Conformist. p. 319. ISBN 9781496985637.
  9. Paxton, John (1988). The Statesman's Year-Book 1988–89. p. 559. ISBN 9780230271173
  10. Paxton, John (1985). The Statesman's Year-Book 1985–86. p. 547. ISBN 9780230271142.
  11. Paxton, John (1986). The Statesman's Year-Book 1986–87. p. 551. ISBN 9780230271159.
  12. Boadu-Ayeboafoh, Yaw (5 June 2003). "GHANA ACADEMY OF ARTS AND SCIENCES, GAAS/FES PUBLIC FORUM 2003". Daily Graphic. Retrieved 10 May 2019.
  13. The Supreme Court of Ghana Law Reports (Report). Advanced Legal Publications. 1998.