John Frimpong Osei

John Frimpong Osei
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJohn Sesa
date of birth5 Ɔbɛnem 1971 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, consultant Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, University of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

John Frimpong Osei (wɔwoo no 5 Ɔbenem 1971) yɛ Ghana amammuifoɔ a na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no muni na seesei ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa no mu ni a ogyina Abirem Mansin ananmu wɔ Apueeɛ Mantam mu wɔ tekiti a ɛyɛ New Patriotic Party.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo John Frimpong wɔ Akim Ntronang wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. John Frimpong nyaa ne Mfinimfini Sukuu Abodin krataa wɔ afe 1986. Akyiri yi onyaa ne Ordinary Level wɔ afe 1991 mu ne Advanced Level wɔ afe 1993. John Frimpong kɔɔ so nyaa ne Bachelor of Arts (Geography Resource Development) wɔ afe 1998 mu ne M.PHIL (Micro Finance Geography) wɔ 2004 firii Ghana Suapɔn, Legon – Ghana.

Adwuma sesa

John Frimpong yɛ OM Finance and Business Service Limited sohwɛfoɔ firi afe 1999 kɔsi afe 2000, Ɔsan nso yɛ ɔsom adwuma no boafoɔ titire firi afe 2002 kɔsi 2005 wɔ Sikasɛm ne Sikasɛm Nhyehyɛe Dwumadibea ne Nhomasua Dwumadibea ne Mmabun ne Agumadi Dwumadibea. John Frimpong reyɛ adwuma seesei sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ma Abirem Mantam.

Amanyɔsɛm mu asetena sesa

John Frimpong dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ ne mansin (Abirem Mantam) mu wɔ Apuei Fam Mantam mu wɔ afe 2016 Ghana ɔsahene no mu abatoɔ a ɛwɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ wɔbɛka Ghana Republic a Ɛto so Anan Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Ason (7) no ho a wɔanya abatoɔ 19208 (61.0%) atia Mavis Ama Frimpong a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 12,217 (38.8%). Ɔsan dii nkonim bio wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nwɔtwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho a ɔnyaa abatoɔ 19,151 (55.2%) tiaa Mavis Ama Frimpong a ɔfiri National Democratic Congress a na ɔwɔ 15,110 abatoɔ (43.5%).

Boayikuo sesa

John Frimpong yɛ Aduan, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm Boayikuo no muni sɛ oguamtrani. Ɔsan nso yɛ Privileges Committee a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Awotwe (8) no mu ni.

N'asetena sesa

John Frimpong yɛ Kristoni.

Adɔyɛ sesa

John Frimpong de ntoboa ama Abɔnten so bɔlɔb asinasin 100 a wɔde bɛboa amanne kwan so awudi anadwo wɔ ne kuropɔn mu. Sɛnea John Frimpong kyerɛ no, ɛbaa n’adwene mu sɛ, asram bi a atwam wɔ afe 2022 mu no, wɔakum mmea a wɔabɔ dam a wɔayi wɔn nipadua akwaa a wɔfrɛ no sɛ ɛyɛ amanne kwan so awudi.

Abasobɔdɛe Ahodoɔ sesa

Wɔmaa John Frimpong sɛ United Asɔfoɔ Amanaman Ntam Fekuo (UCIA) 2020 Hall Of Fame Award For Excellence In Leadership a The United Clergy International Association (UCIA) yɛeɛ no yɛɛ ne abasobɔdeɛ a ɛtɔ so 11 wɔ All Nations University wɔ 8 Ɔsanaa 2020.