Joseph Cudjoe (politician)

Joseph Cudjoe
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJoseph Sesa
family nameCudjoe Sesa
date of birth2 Ahinime 1964 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationgeneral manager, financial adviser, Amanyɔni, accountant Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister of Public Enterprises Sesa
educated atUniversity of Ghana, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Joseph Cudjoe yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Effia Mansin a ɛwɔ Atɔɛe Mantam no ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Cudjoe da 2 Ahinime 1964. Ɔfiri Effia kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Onyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ akontabuo mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so, Kumasi ne ne MBA wɔ Sikasɛm mu wɔ Ghana Suapɔn mu.

Adwuma sesa

Joseph Cudjoe hyɛɛ n'adwuma ase sɛ a ɔyɛ Nkontaabu kyerɛkyerɛfo wɔ Archbishop Porter Girls Secondary School fi Ɔpɛpɔn 1995 kosi Ahinime 1995. Cudjoe yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Takoradi Technical University fi 1995 kosi 2000. Akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ Eno International, LLC baabi a ɔyɛɛ adwuma sɛ Sikasɛm mu Nhwehwɛmu & Nhyehyɛe sohwɛfo fi 2000 kɔsi afe 2001. Ɔbɛyɛɛ Ɔfotufoɔ Panyin wɔ SEM International Associates wɔ Ayɛwohomumɔ 2002 kɔsi Ɔkɔtɔberɛ 2003 na afei akyiri yi ɔbɛyɛɛ adwuma sohwɛfoɔ panin wɔ SEM International LTD firi Ɔpɛpɔn 2003 kɔsi Oforisuo 2004.Efi Ayɛwohomumɔ 2004 kɔsi Ɔpɛpɔn afe 2012 no, na Cudjoe yɛ Sikasɛm sohwɛfoɔ wɔ Ghana Cocoa Board.

Amanyɔsɛm sesa

Cudjoe kɔɔ mmarahyɛbadwa mu wɔ 7 Ɔpɛpɔn 2013 a ogyinaa Effia mantam ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Wɔpaw no bio sɛ ​​ɔmmɛgyina amansin no ananmu wɔ afe 2016 mu.

N'asetena sesa

Cudjoe aware a ɔwɔ mma mmiɛnsa. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.