Justice Joe Appiah

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɔtemmufo Joe Appiah (wɔwoo no December 21, 1959) yɛ Ghana ɔmanyɔni. Na ɔyɛ Ghana Mantam a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Nsia no muni a ogyina Ablekuma Atifi Fam Mantam no ananmu wɔ Greater Accra Mantam muƆman Ho Dɔ Kuw Foforo no tekiti so .

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Appiah wɔ December 21, 1959 mu. Ɔfiri Akim Oda, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu . Ɔnyaa Diploma wɔ Network Engineering mu, Net Africa Ghana wɔ afe 2007 mu. Ɔsan nso yɛ obi a wawie Ghana Institute of Management and Public Administration na onyaa ne Certificate wɔ Administration and Management mu wɔ afe 2008.

Amanyɔsɛm sesa

Appiah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) no muni. Ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no muni bere a ɔdaa ne ho adi sɛ nkonimdifo wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow a ɛkɔɔ so wɔ ne mansin mu no. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan sɛ wɔbɛsan apaw no bio akɔ Ablekuma North mmrahyɛbagua adwumayɛbea no wɔ NPP mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na odii nkonim. Wɔ afe 2015 mmrahyɛbagua primaries mu no, ɔdii nkogu wɔ Hon. Nana Akua Owusu Afriyie, a ɔkɔɔ Ablekuma Atifi fam (2017-2021) MP .

Ankorankoro asetra sesa

Appiah yɛ Kristoni a ɔyɛ fekubɔ wɔ Assemblies of God Asɔre no mu. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa