Kwamena Minta Nyarku
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
bɔbeasu | male |
---|---|
country of citizenship | Ghana |
name in native language | Kwamena Minta Nyarku |
given name | Kwabena |
family name | Nyarku |
date of birth | 7 Ɔpɛnimma 1974 |
beae a wɔwoo no | Apewosika (Mfinfini Mantan) |
languages spoken, written or signed | English, Fante |
occupation | Amanyɔni, senior lecturer |
position held | Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana |
work location | Cape Coast |
member of political party | National Democratic Congress (Ghana) |
candidacy in election | 2020 Ghanaian general election |
Kwamena Minta Nyarku (wɔwoo no Ɔpɛnimma) yɛ Ghanani nhomasua ne amanyɔni a ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) muni.[1][2][3] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Cape Coast Atifi Mmarahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Mfinifini Mantam.
Ne mmofrase ne nhomasua sesa
Wɔwoo Nyarku wɔ Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ do nson (7) afe 1974. Ofiri Apewosika, Cape Coast wɔ Ghana Mfinifini Mantam.[4] Ɔwiee ne GCE Ordinary level ne GCE Advanced level adansedie krataa wɔ Adwumayɛ mu wɔ afe 1992 ne 1996 mu wɔ Adisadel Kɔlege, Cape Coast. Ɔsan kɔɔ Komenda Nteteeɛ Kɔlege wieeɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Abodin krataa A (3 year Post Sec Teacher Cert A) wɔ afe 1995 mu.[5][6] Wɔ afe 2000 mu no, owiee bachelor’s degree wɔ nhomasua mu a osii Adwumayɛ Nhomasua so dua wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu.[7][4] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn Adwumayɛ Sukuu mu, na ɔwiee Master of Business Administration (MBA) wɔ Marketing mu wɔ afe 2003. Ɔsan nso wiee sukuu wɔ Leicester Suapɔn mu, baabi a ɔwiee Doctor of Philosophy (PhD) wɔ Marketing mu wɔ afe 2019 mu ne Chartered Institute of Marketing a ɛwɔ United Kingdom.[5]
Adwuma sesa
Nyarku yɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Panyin wɔ Department of Marketing and Supply Chain Management, School of Business, Cape Coast Suapɔn, Ghana.[7][2][8][9]
Amanyɔsɛm sesa
Mmarahyɛ Badwa no mu mmɔdenbɔ sesa
Nyarku gyinaa National Democratic Congress primaries anim ansa na afe 2020 abatoɔ no reba. Odii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu sɛ ɔbɛgyina National Democratic Congress ananmu ama Ɔmansin no wɔ Oforisuo 2019 mu wɔ bere a wankɔ a wɔansɔre atia no ɛnam sɛ wɔn a wɔrepere no mmienu no amfata nti.
Mmarahyɛbadwani sesa
Nyarku kaa ntam sɛ Mmarahyɛbadwani a ogyina Cape Coast Atifi Mmarahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan no mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2021. Ɔsom sɛ ɔmannifoɔ wɔ Ohia a wɔbɛtew so ho nhyehyɛeɛ Boayikuo no mu.
N'abrabɔ mu nsɛm sesa
Nyarku yɛ Kristoni. Wɔyɛ obi a nkurɔfo nim no a wɔde ne din Ragga frɛ no.