Nana Oforiatta Ayim

Ghana Britania ɔkyerɛwfo, adwinni ho abakɔsɛm kyerɛwfo ne siniyɛfo
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nana Oforiatta Ayim
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameNana Sesa
date of birth20. century Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationnovelist, film director Sesa
educated atUniversity of London Sesa
notable workGhana Freedom Sesa
official websitehttps://www.nanaoforiattaayim.com/ Sesa
personal pronounL484 Sesa

Nana Ofori-Atta AyimGhana twerɛfoɔ, abakɔsɛm ho nsɛnkwaa ne sinitwafoɔ.

Ne ho Asɛm sesa

Wɔtetee Nana Ofori-Atta Ayim wɔ Germany, England ɛna ne nananom kurom ne Ghana. Ɔsuaa Russia ne amanyɔsɛm wɔ University of Bristol ɛna ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Department of Political Affairs wɔ United Nations a ɛwɔ New York. [1]Ɔwiee ne masters degree wɔ SOAS University of LondonAfrica Art History mu.[2]

Oforiatta Ayim firi abusua a wɔpɛ amanyɔsɛm wɔ Ghana, Ofori-Atta a ne tumi trɛ wɔ amanneɛ ne abɛɛfo mu. Na ne nana barima ne Nana Sir Ofori Atta I, ɔhene a ɔwɔ Akyem Abuakwa a wagye din paa a wɔmaa no so sɛ Louis XIV wɔ Africa, [3]ɛna ne wɔfa kansoa ne J.B Danquah,okunini ne amanyɔni a ɔmaa Ghana nyaa ne din a ɛhyɛ amanyɔsɛm ase a ɛmaa faahodie baeɛ.[4]

Nnoɔma a ɔtwerɛɛ sesa

Ne nnwoma a ɔdiikan twerɛ a wɔfrɛ no 'The God Child' no Bloomsbury Publishing na ɛdaa no adi maa amansan hunuuiɛ wɔ UK wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron,US wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu ɛna Penguins Random House nso wɔ Germany wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako. [5][6]Ɔtwerɛfoɔ Ayesha Harruna Attah kyerɛɛ nnwoma nom sɛ ɛyɛ nnwoma a ɛdikan a ɛmu trɛ na ɛma nnipa dwene kɔ akyire,ɛda biribi adi wɔ arts, abakwasɛm, kasadwini, sini ne nnoɔma a ɔnyaa a ɛne Maya coming of age ya sɛ.[7]New York Times, Tope Folarin twerɛɛ sɛ " wei yɛ anansesɛm a nsɛm ahyɛ mu ma ampa,God Child' yɛ ayesɛm bi a ne nnyinasoɔ ne yɛ adeɛ bi a ɛnnyɛ nokware" Aberɛ a mekan saa nnwoma yi no, menhunuu sɛ yɛwɔ obi foforɔ a ɔsane kyerɛ biribi ase wɔ atwerɛsɛm nom. Ayesɛm bi a wɔn wɔdi dwuma wɔ ayesɛm nom da no adi wɔ berɛ a merekan no da Kojo ne Maya firi a wɔfiri hɔ no adi sɛ wɔsane kɔɔ Ghana,ɛhɔ na wɔyɛɛ sɛ wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛnya nnoɔma awie wɔn ayesɛm no.Ayesɛm bi a ɛpɛ wei no bɛkyerɛ Ghana abakwasɛm mu;ayesɛm a ɛbɛyi nnoɔma bi a ɛnnyɛ afiri wɔ abrabɔ mu". [8]The Guardian, Sarah Ladipo Manyika twerɛɛ: ɛnnɛ yɛwɔ ayesɛm bi a ɛnnyɛ nokware kakraa bi a ɛda abibire nnoɔma adi wɔ aburokyire na kakraa bi na ɛda Afro-German nnoɔma adi, nti Ayim nnwoma hia a ɛbɛma yɛn ayi saa adeɛ no afiri hɔ. Sɛdeɛ yare Maya pondering Goethe adwenkyerɛ fa Weltliteratur na ɛda adi wɔ sɛdeɛ ewiase nni kasadwini no, nnwoma bi te sɛ the God Child wɔ nnoɔma bi a ɛbɛboa no, na ɛwɔ Berger's kasa mu no, ɛde kwan foforɔ ɔbɛhu saa aba".[9]

Sini ahodoɔ sesa

Nana Oforiatta Ayim bɛyɛɛ sinitwafoɔ aberɛ a ɔne Thi Minh Ngo a ɔyɛ economist ne filmmaker Chris marker yɛɛ adwuma wieeɛ wɔ nsesaeɛ bi a wɔyɛɛ wɔ sini bi a ɔtwaeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan a wɔfrɛ no Statues Also Die mu. [10]Ne sini no nyinaa yɛ nnoɔma a ɛnnyɛ nokware, atwerɛsɛm bi ne nnwoma a wayi akyerɛ wɔ Sinihwɛbea wɔ wiase afanaa nyinaa. Wei nom ne Nowhere Else But Bere at the new Museum, Tied and True at the Tate Modern, [11]Jubilee wɔ Kunsthall Stavanger, [12][13]ne Agbako wɔ Los Angeles County Museum of Art (LACMA). [14][15]

Abasobɔdeɛ ne Animuonyamhyɛ. sesa

Oforiatta Ayim na ɔgyee mfeɛ mpem mmienu ne du num Art and Technology abasobɔdeɛ firii LACMA hɔ[16] ne mfeɛ mpem mmienu ne du nsia AIR abasobɔdeɛ, a ɛno maa wɔhyɛɛ sinitwafoɔ soronko bi wɔde wɔn ho hyɛ adwuma nom da nnoɔma soronko adi wɔm animuonyam sane dii wɔn da. [17]Wɔtoo no din sɛ ɔyɛ obi a ɔka Apollo "40 under 40" sɛ obi a ɔwɔ adom akyɛdeɛ na ɔsane hyɛ mmabunu nso wɔpɛsɛ wɔde wɔn ho wura mu no nso nkuran".[18] Ɔyɛ Quartz innovator a ɔhwehwɛ nnoɔma foforɔ no si ɔhaw a ɔkɔ so wɔ wiase.[19] Ɔka nnipa aduonum a wɔwɔ abibire ho a The Africa Report de baeɛ no, [20]Ɔka abibirem mmaa du mmienu wɔde abakwasɛm aba wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia me mmaa ɔha s wɔsi afie, maa abibirem daakye nkyirimma ne wɔn a wɔwɔ akwantuo mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu a OkayAfrica da ano. [21]Ɔyɛ obi a ɔkɔsra University of Oxford, ne University's Advisory Council kuoba. [22]Ɔgyee Ghana Innovation abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu ne afe no mu nyinaa ɔbaa abasobɔdeɛ wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako.[23] Wɔ mfeɛ mmienu ne aduonu mmienu wɔmaa no Dan David Prize abasobɔdeɛ.[24]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.okayafrica.com/nana-oforiatta-ayim-ghana-africa-encyclopedia
  2. https://www.vogue.com/article/ghana-africa-art-cultural-encyclopedia
  3. https://www.facebook.com/permalink.php?id=194981094533773&story_fbid=544828022882410
  4. https://www.modernghana.com/lifestyle/14098/meet-africas-champion-of-change-nana-oforiatta.html
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/ISBN_(identifier)
  6. https://blackwells.co.uk/bookshop/product/The-God-Child-by-Nana-Oforiatta-Ayim-author/9781408882429
  7. https://electricliterature.com/nana-oforiatta-ayim-on-being-a-custodian-of-ghanaian-history/
  8. https://www.nytimes.com/2020/03/03/books/review/this-town-sleeps-dennis-e-staples-under-the-rainbow-celia-laskey-the-god-child-nana-oforiatta-ayim.html?login=smartlock&auth=login-smartlock
  9. https://www.theguardian.com/books/2019/dec/27/the-god-child-nan-oforiatta-ayim-review
  10. https://issuu.com/ccqmag/docs/ccq9/28
  11. https://www.art-agenda.com/features/234823/wu-tsang
  12. https://www.aftenbladet.no/article/sa-OmryE.html
  13. "Archive copy". Archived from the original on 2019-05-28. Retrieved 2022-03-16. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. "Archive copy". Archived from the original on 2020-11-23. Retrieved 2022-03-16.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  15. https://unframed.lacma.org/2016/10/05/art-technology-africa/
  16. https://www.lacma.org/lab/project/cultural-encyclopaedia
  17. https://www.apollo-magazine.com/nana-oforiatta-ayim-apollo-40-under-40-global-the-thinkers/
  18. https://www.apollo-magazine.com/nana-oforiatta-ayim-apollo-40-under-40-global-the-thinkers/
  19. https://qz.com/africa/973199/quartz-africa-innovators-2017/
  20. https://www.pulse.com.gh/ece-frontpage/achievement-yvonne-nelson-named-in-africas-top-50-trailblazers/btyhx8l
  21. https://www.okayafrica.com/african-women-history-international-womens-day-2016/
  22. https://www.modernghana.com/news/978951/oxford-university-appoints-nana-ofosuaa-oforiatta.html
  23. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/nana-ofosuaa-ayim-gets-woman-of-the-year-in-cultural-arts-award.html
  24. https://dandavidprize.org/