Suhuyini Alhassan Sayibu

Alhassan Sayibu Suhuyini
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
nicknameAsiizi power Sesa
date of birth12 Ɛbɔ 1979 Sesa
place of birthTamale Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, radio personality, school teacher Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Mmarahyɛbadwani Sesa
electoral districtTamale North Constituency Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewIslam Sesa
locationAtifi Mantam (Ghana) Sesa
legislative bodySagnarigu Municipal District Sesa

Alhassan Sayibu Suhuyini (wɔwoo no wɔ Ɛbɔ bosme da a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron mu,September 12, 1979) yɛ Ghana broadcast nsɛntwerɛni ne ɔmanyɔni. Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛbadwani no muni. Mprempren ɔyɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwani a Ɛto so nson a ɛgyina Tamale North ananmu no muni.

Nwomasua sesa

Alhassan Suhuyini kɔɔ Ghana Ntoaso Sukuu a seesei ɛyɛ Ghana Senior High School (Tamale), GHANASCO wɔ Tamale. Ɔwɔ B.Sc. Ɔman Adwumayɛ ne M.Sc. Nkɔsoɔ sohwɛ a ɛfiri Ghana Asoɛeɛ a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔman adwumayɛ so.[1] Seesei ɔreyɛ ne PhD wɔ Public Administration mu.

Adwumayɛ sesa

N’adwuma sɛ radio so ɔkasafoɔ no hyɛɛ aseɛ wɔ Diamond FM a ɛwɔ Tamale ansa na ɔretu akɔ Ghana ahenkuro mu.[2] Ɔyɛɛ adwuma bere tiaa bi wɔ Citi FM ne Metro TV wɔ Nkran ansa na ɔne Radio Gold retra. Radio atiefoɔ a wɔwɔ Ghana na wɔpaw no sɛ Talk Show Host of the year wɔ afe 2011, 2012 ne 2013 mu wɔ Ghana Radio ne Television Personality Awards mu. Wɔ afe 2013 mu no, South Korea aban paw no na ɛboaa no sɛ ɔnkɔkyinkyin South Korea sɛ ne Next Generational Leaders from Africa nhyehyɛe no fa. Na ɔyɛ ɔnanmusifoɔ wɔ afe 2014 Amanaman Ntam Nsrahwɛfoɔ Akannifoɔ Dwumadie, United States Ɔman Dwumadibea a ɛhwɛ adwumayɛfoɔ a wɔsesa wɔn ho wɔn ho nhyehyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Radio Gold a ɛwɔ Nkran, faako a na ɔyɛ dwumadibea no dwumadi atitiriw abien ho ɔkwankyerɛfo no; anɔpa dwumadi a wɔfrɛ no "Gold Power Drive" ne dapɛn awiei asetra-sikasɛm ne amammuisɛm mu nsɛm a ɛrekɔ so mprempren - Alhaji ne Alhaji nkɔmmɔbɔ dwumadie so.[3]

Amanyɔsɛm Mu Adwuma sesa

Ɔmampanyin John Dramani Mahama na ɔpaw no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (2013) mu sɛ Ghana Civil Aviation Authority (GCAA) board member. Ɛde besi mfeɛ mpem mmienu ne du nnan (2014) no na ɔyɛ Nkitahodi sohwɛfoɔ ma Ɔman Hajj Badwa (Ghana).[4][5] Ɔdii nkunim wɔ Tamale North akonwa no so denam National Democratic Congress tekiti so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne ne du-nsia (2016) Amansan abatoɔ mu sɛ ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwa no muni. Ɔdii nkunim wɔ atenaeɛ no mu denam abatoɔ no mu amma a ɔnyaeɛ a mpem aduonu mmienu ne aha mmienu ne aduowɔtwe (21,280) a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma dodoɔ no nyinaa mu ɔha nkyɛ mu aduosia nson akyiri pɔ aduoson nkron (67.79%) so.[6]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiɛ sesa

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. Two radio journalists attacked by Accra security personnel (in American English), 2009-07-15, retrieved 2023-10-03
  3. Models Melt Journalist | News One Newspaper, 2014-04-07, archived from the original on 2014-04-07, retrieved 2023-10-03{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. ghananewsagency.org, retrieved 2023-10-03
  5. ghananewsagency.org, retrieved 2023-10-03
  6. Peace FM, Tamale North Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-03