Elvis Morris Donkoh

Elvis Morris Donkoh
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth25 Ogyefuo 1983 Sesa
beae a wɔwoo noCape Coast Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, architect, quantity surveyor Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Costa Rica Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewAdventism Sesa

Elvis Morris Donkoh (wɔwoo no 25 Ɔgyefo 1983) yɛ Ghana amammuifoɔ a na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no muni na seesei ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa no muni a ɔgyina Abura-Asebu-Kwamankese Mansin ananmu wɔ Mfinimfini Mantam wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Elvis Morris Donkoh wɔ 25 Ɔpɛpɔn 1983 na ɔfiri Cape Coast wɔ Central Region of Ghana. Elvis Morris Donkoh nyaa ne Diploma (Youth In Development Work) wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 2008 mu ne Post Graduate Diploma (Project and Quality Management) wɔ Business University of Costa Rica wɔ afe 2016 mu.

Adwuma sesa

Elvis Morris Donkoh yɛ Alliance for Youth Development no kwankyerɛfo panyin. Mprempren ɔreyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ma Abura-Asebu-Kwamankese Mantam a ɛwɔ Mfinimfini Mantam wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Amanyɔsɛm Mu Nsɛm sesa

Elvis Morris Donkoh sii akan na odii nkonim wɔ 2016 NPP mmarahyɛbadwa no mfitiaseɛ a wɔde bɛma Abura-Asebu-Kwamankese Mantam a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu. Elvis Morris Donkoh kɔɔ so dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa atenaeɛ a ɛwɔ ne mansin (Abura-Asebu-Kwamankese Mansin) mu wɔ Mfinimfini Mantam wɔ Ghana wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ wɔbɛka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ... Fourth Republic of Ghana a ɔnyaa abatoɔ 22,245 (50.7%) tiaa Samuel K. Hayford a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 20,508 (46.7%), Clement Abaidoo a ɔfiri Progressive People’s Party (PPP - Ghana) a ɔnyaa abatoɔ 1,054 (2.4%) ne Kwame Edu Ofori a ofi Nnipa Ɔman Nhyiamu (PNC - Ghana) a ɔno nso nyaa abatoɔ 116 (0.3%).

Elvis Morris Donkoh san sii akan na dii nkonim wɔ afe 2020 NPP mmarahyɛbadwa mu abatow mu maa Abura-Asebu-Kwamankese Mantam a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu no de abatow 475 tiaa Kobina Nyanteh a na ɔwɔ abatow 220 no.[18][19][20][21] Elvis Morris Donkoh san kɔɔ so dii nkonim wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛ Bagua a Ɛto so Nwɔtwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no mu a ɔnyaa abatoɔ 25,048 (49.2%) tiaa Felix Ofosu Kwakye a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 24,872 (48.8%) ne Francis Eghan a ɔfiri Ghana Union Movement (GUM) a ɔno nso nyaa abatoɔ 1,001 (2.0%).

Boayikuo sesa

Elvis Morris Donkoh yɛ Ɔpanyin Abadiakyiri) wɔ Mines and Energy Committee no mu. Ɔsan nso yɛ Privileges Committee no muni ne saa ara nso na Aguadi, Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuw a ɛwɔ Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Awotwe (8) a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no mu.

Ankorankoro asetena sesa

Elvis Morris Donkoh yɛ Kristoni na ɔyɛ Seventh Day Adventist Asɔre (SDA) no muni.