Frimpong Yaw Addo

Frimpong Yaw Addo
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageFrimpong Yaw Addo Sesa
given nameYaw Sesa
family nameAddo Sesa
date of birth2 Ɛbɔ 1962 Sesa
beae a wɔwoo noManso Sesa
native languageAsante Kasa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Asante Kasa Sesa
occupationAmanyɔni, consultant, Ɔkuani Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Deputy Minister of Food and Agriculture of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast Sesa
work locationMfinfini Mantan, Atɔɛ Mantam Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Frimpong Yaw Addo yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan ne mmarahyɛbadwa awotwe a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Manso Adubia Mansin ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so. . Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Aduan ne Kuadwuma so.

Mfitiase asetena ne nhomasua sesa

Wɔwoo Addo wɔ 2 Ɛbɔ 1962 wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Manso Gyeduako mu wɔ Amansie Anafo fam Ɔmantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu. Ɔnyaa ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Sociology ne Diploma wɔ Borɔfo kasa mu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu. Ɔsan nso nyaa ne Executive Masters adansedie krataa wɔ Ntawntawdi, Asomdwoeɛ ne Ahobanbɔ mu wɔ afe 2016 mu wɔ Kofi Annan Amanaman Ntam Asomdwoeɛ Nteteeɛ Asoɛeɛ a ɛwɔ Accra.

Adwumayɛ sesa

Addo yɛ Manager wɔ nnwumakuw nsɛm dwumadibea wɔ Private Ent. Fapem. Na ɔsan yɛ Social and Environment impact ho ɔbenfo wɔ Comptran Engineering. Na ɔsan yɛ Asetena ne Atwa Yɛn Ho Ahyia nkɛntɛnso ho ɔbenfo wɔ Transtel Consult. Ɔsan nso yɛ nhyehyɛeɛ ntam nkitahodifoɔ wɔ National Democratic Institute for International Affairs.

Amanyɔsɛm adwuma sesa

Addo yɛ New Patriotic Party no muni na mprempren ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Manso Adubia Abatoɔ Mpɛsua wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔbɛyɛɛ MP a odi kan wɔ ne mansin mu bere a ɔdaa ne ho adi wɔ 2012 Ghana Amansan Abatow mu no. Afei wɔsan paw no bio maa ne mprenu so wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ mu baabi a ɔnyaa abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 69.86%. Wɔ afe 2020 Amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,652 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 38.8% berɛ a NDC mmarahyɛbadwa no muni Simon Kwaku Agyei nyaa abatoɔ 10,753 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 23.6%. Independent kandifoɔ Kofi Osei-Afoakwa nso nyaa abatoɔ 17,149 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 37.7%.

Boayikuo sesa

Addo yɛ Ohia a wɔbɛtew so ho nhyehyɛeɛ Boayikuo no muni na ɔsan yɛ Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuo no mu ni

N'asetena sesa

Ɔyɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanum.N’ani gye kuayɛ ne bɔɔlbɔ ho.