Henry Quartey

Henry Quartey
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageHenry Quartey Sesa
given nameHenry Sesa
family nameQuartey Sesa
date of birth12 Ɔbɛnem 1971 Sesa
beae a wɔwoo noNkran Mantam Sesa
native languageGa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Ga, Twi Sesa
occupationAmanyɔni, businessperson Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atGhana Institute of Management and Public Administration Sesa
academic degreeMaster of Arts Sesa
academic majorsecurity science Sesa
residenceAlajo Sesa
work locationAyawaso Central (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsoa) Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Henry Quartey (wɔwoo no 12 Ɔbɛnem 1971) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Ayawaso Mfinimfini Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so. 3][4][5][6] Mprempren ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Greater Accra Mantam so.[7][8][9]

Mfitiase asetra ne nhomasua sesa

Wɔwoo Quartey wɔ 12 Ɔbɛnem 1971. Ofiri Otublohum-Accra, kuro bi a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana.[10] Onyaa ne ntoaso sukuu wɔ Hams Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Dansoman ne Zams Ntoaso/Mfiridwuma Sukuu a ɛwɔ Bolgatanga. Ná ɔwɔ ne G.C.E. O'level wɔ Osu Presbyterian Ntoaso Sukuu a Ɛyɛ Mpanyimfo. Ɔkɔɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration) na onyaa ne postgraduate adansedie krataa wɔ Ɔmanfo Adwumayɛbea mu (postgraduate certificate in Public Administration).[10][2]

Amanyɔsɛm sesa

Quartey yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party - NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Ayawaso Mfinifini atenaeɛ no wɔ NPP mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no tekiti so na ɔdii nkonim.[10][11] Na ɔyɛ Akwan ne Kar Boayikuw no muni (member of the Roads and Transport Committee) ne Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuw no muni (Gender and Children Committee).[1]

Boayikuw ahorow sesa

Quartey yɛ Akwan ne Akwantuo Boayikuw no muni (member of Roads and Transport Committee) na ɔsan yɛ Appointments Boayikuw no muni.[12]

Adwuma sesa

Ɔyɛ Krafty Hospitality Services Limited a ɛwɔ Accra no kwankyerɛfoɔ (Chief Executive Officer - CEO) firi afe 2003 besi nnɛ.[10] Ɔsan nso yɛ B.B.C Trading Adetɔn ne Adwumayɛ sohwɛfoɔ (Sales and Marketing Manager) firi afe 1992 kosi afe 1996. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Dalebrook Company Limited Ɔmantam sohwɛfoɔ (Regional Director) firi afe 1997 kosi afe 1998. Ɔsan nso yɛ Pecoll Aluminiuim Systems Adetɔn sohwɛfoɔ ne Ɔkwankyerɛfoɔ (Sales Manager and Director of Pecoll Aluminiuim Systems) firi afe 1995 kosi afe 2000 ][13]. Na ɔyɛ Ɔsoafox Abadiakyiri a ɔhwɛ Mfinimfini Fam so (Deputy Minister for Interior).[14][15][16] Na ɔyɛ Ɔman Ahobammɔ Soafoɔ Abadiakyiri (Deputy Minister for National Security).[3] Mprempren ɔyɛ Greater Accra Ɔmantam Soafoɔ (Greater Accra Regional Minister).[17]

N'asetra mu sesa

Quartey yɛ Kristoni. Ɔwaree Sybil Ansah Quartey na wɔwɔ mma baanum (5).[10][2]

Adɔeyɛ sesa

bosome Ɛbɔ afe 2021 mu no, Henry hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboa Psalm Adjeteyfio de sika a ɛyɛ GH¢1,500 bosome biara. Henry kaa sɛ Psalm nkɛntɛnsoɔ wɔ sini (film) ne anigyeɛ adwuma mu (entertainment industry) wɔ Ghana na ɛkanyan no nti na ɔhyɛɛ bɔ no.[18]