Kwadwo Baah-Wiredu

Ghana ɔmanyɛfo

Watwerɛ wie wɔ Asante Twi mu

Kwadwo Baah-Wiredu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameKwadwo Sesa
date of birth1952 Sesa
place of birthAgogo Sesa
date of death24 Ɛbɔ 2008 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, chartered accountant Sesa
educated atunknown value, Institute of Chartered Accountants of Ghana, Prempeh College Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa
replaced byKwame Anyimadu-Antwi Sesa

Kwadwo Baah-Wiredu (1952 – Ɛbɔ 24 2008)[1] yɛ Ghanani a na ɔyɛ amanyɔni sane yɛ akantant. Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina Ɔmanfoɔ wɔwɔ Asante Akyem Atifi mpɛsua so anan mu firi Ɔpɛpɔn bosome afe apem ahakron aduokron- nnson(1997) kɔpem sɛ owuu wɔ Ɛbɔ bosome ne da a ɛtɔ so aduonu-nnan afe mpem mmienu ne nnwɔtwe mu (Ɛbɔ 24,2008).Ɔyɛɛ ɔsoafoɔ a na ɔhwɛ nkuro nkuro so wɔ ɔmanpanin dadaa John Agyekum Kuffour aberɛ so firi afe mpem mmienu ne baako mu.[2]

Abrabɔ ahyaseɛ ne nwomasua sesa

Wɔwoo Baah-Wiredu wɔ Asante Akyem Agogo. Ɔhyɛɛ nadamtam sukuu ase wɔ Kumase High sukuu a ɛwɔ Asantemantam mu wɔ afe apem ahakron -aduosia -nson. Ɔnyaa GCE abɔdin krataa wɔ afe apem ahakron aduoson- mmienu (1972).

Ɔtoa so kɔɔ "sixth form" wɔ Prempeh kɔlege a ɛwɔ kumase Asantemantam mu. Baah-Wiredu toa so kɔɔ suapɔ wɔ "University of Ghana,Legon" wɔ afe apem ahakron aduoson nnan mu nam so nyaa abɔdin krataa wɔ "B.Sc. in Administration (Accounting option)".

Afei, ɔsane toa so de mfeɛ nnan kɔ gyee nteteeɛ wɔ Institute of Chartered Accountants maa no bɛyɛɛ akantant wɔ afe apem ahakron aduowɔtwe num (1985).[3]

Adwuma sesa

Kwadwo Baah-Wiredu Yɛɛ adwuma wɔ wiemhyɛn gyinabea ahodoɔ wɔ Ghana ne "Volta River Authority" adwumakuo no mu. Ɔyɛɛ kwankyerɛfoɔ panin wɔ kwan a kɔmputa fa so yɛ adwuma ne Ɔpanin ɔhwɛ sika sɛm so ma Ananse Systems. Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani.[4]

Amanyɔ sesa

Baah-Wiredu hyɛɛ namanyɔ ase wɔ afe apem ahakron aduokron nson berɛ a ɔdii nkunim wɔ afe apem ahakron aduokron nsia Ghana abatoɔ mu. Ɔyɛ wɔn a na ɔyɛ kampan tia "Union government" (UNIGOV) General Acheampong's asrafoɔ kuo bɔɔ nabaso wɔ afe apem ahakron aduoson nnwɔtwe (1978).

Ɔde ho kɔ bɔɔ New Patriotic Party(NPP) amanyɔ kuo berɛ a ɔtee no afe apem ahankron aduokron mmienu(1992). Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron aduokron nsia (1996) mu.

Ɔsuafoɔ sesa

Ɔbɛyɛɛ ɔsiafoɔ wɔ Ɔmanpanin John Kufuor's NPP aban mu aberɛ so wɔ afe mpem mmienu ne baako mu (2001).[5] Ɔyɛɛ ɔsuafoɔ a na ɔhwɛ nkuro akɛseɛ ne nkumaa mpuntuo wɔ afe mpem mmienu ne baako kɔpem mmiɛnsa mu(2001-2003) sane yɛɛ nwomasua , mmabunu ne agokansie mu suafoɔ firi afe mpem mmienu ne mmiɛnsa kɔpem nnum mu (2003-2005).[6] Ɔbɛyɛɛ ɔsuafoɔ a ɔhwɛ ɔman no sikasɛm so wɔ afe mpem mmienu ne nnum (2005), wɔ afe mpem mmienu ne nnum (2005) mu no ɔde ɔman no akɔnhoma sika kɔ too ɔman no mmarahyɛbadwam ɔno ne ɔsuafoɔ ɔdikan yɛɛ saa.

Abrabɔ mu nsɛm sesa

Baah-Wiredu ware woo mma nsia.[7]

Ne Wuo sesa

Ɛbɔ bosom ne da ɛtɔ so aduonu nnam afe mpem mmienu ne nnwɔtwe (Ɛbɔ 24,2008), Baah-Wiredu wuu wɔ South Africa berɛ a na ɔregye ayaresa wɔ bere tiawa yadeɛ bi ho.

Baeɛ a menyaa mmoa firii sesa

  1. "Ghana's finance minister dies - Baah-Wiredu". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-12-26.
  2. "Baah-Wiredu Voted Africa's Best Finance Minister For 2008". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-12-26.
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Baah-Wiredu#cite_note-gov-4
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Baah-Wiredu#cite_note-5
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Baah-Wiredu#cite_note-cabine2001-6
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Baah-Wiredu#cite_note-cabinet2003-7
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Baah-Wiredu#cite_note-:2-17