Prempeh College

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Prempeh Kɔlegye(About this soundpronounciation of "Prempeh Kɔlegye" ) yɛ aban ntoasoɔ sukuu ma mmarima a ɛwɔ Asantemantem ahenkro Kumasi wɔ ɔman Ghana mu.

Map

Asanteman mpaninfoɔ, Enyirisi Aban, Methodist Asɔre ne Presby asɔre na ɛkaa wɔn ho bɔɔmu tee sukuu yi wɔ afe apem aha-nkron aduanan nkron mu (1949).[1]

Wɔde sukuu no too Asantehene, Otumfoɔ Sir Osei Tutu Agyeman Prempeh II, a ɔmaa asaase a wɔde sii sukuu no.[2] Wɔde Eton College a ɛwɔ Enyirisiman mu na ɛyɛɛ nhwɛsoɔ.[3]

Sukuu yi diikan wɔ nnipa dodoɔ a wɔgyee wɔn wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn mu (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu wɔ abrɛ a wɔgyee asukuufoɔ 441 na afe[4] 2012 nso, wɔgyee asukuufoɔ 296 firii Prempeh College. Dodoɔ noaa gye tum sɛ sukuu no yɛ ntosoɔ sukuu a edimu wɔ ɔman Ghana mu.[5][6][7] Sukuu no adi nkunim mprensa wɔ ɔman mu akansie a w'ato din sɛ "National Robotics Championships" ɛwɔ mpem mmienu ne du-mmiɛnsa (2013) saa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu no, Prempeh College nyaa abasobɔdeɛ kɛseɛ a wato din sɛ "Toyota Innovation Award" wɔ amanman akansie a wato din sɛ International Robofest World Championships wɔ Michigan, Amerika man mu.[8]

Abakwasɛm sesa

Ɛwɔ afe apem ahankron ne aduanan (1940s) no, Enyirisi Aban to nsa frɛɛ Prɛsbiterian ne Matɔdest nsɔre, ɛnam sɛ na wɔn adikan atew Wesley Girls suuuk ne Prɛsbiterian Boys sukuu wɔ Krobo Odumase ɛnam wɔn nimdie a na wɔn wɔ no nti, sɛneɛ wɔn bɛtumi aboa ama wɔn asi sukuu wɔ Ghana mfinimfin na aboa atififamfoɔ a wɔwɔ ɔman yi mu. Ɛwɔmu sɛ ntɔkwa a ɛtɔso mmienu no kyɛre, wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe (1948) no Maxwell Fry ne ne yere a wɔyɛ Enyirisi adansifoɔ besii Prɛmpeh Kɔlegye.[9]

Sɛ wode toto Jane Drew a ɔwɔ Ashante nwoma ho a, Prempeh Kɔlegye da mu soronko kyɛn Lain Jackson ne Jessica Holland nwoma a wɔfrɛ no "The Architecture of Edwin Maxwell Fry and Jane Drew: Twentieth Century Pioneer Modernism and the tropics". Deɛ efiri Ashanti Pioneer nkaebɔ baeɛ ne sɛ, Ɔgyefoɔ bosom da a ɛtɔ so num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron na wɔn buei Prempeh Kɔlegye ano. Major C.O.Butler, ɔhene kɔmisa a ɔwɔ Ashanti de saa nsɛm wei too dwa wɔ dwumadie no ase.

Nnipa titiriw a wafa sukuu yi mu sesa

Sukuu Ntadeɛ sesa

sukuu atadeɛ no ahosuo no yɛ ahahan mono ɛna sukuu no ahyɛnsodeɛ no da mu. Asukuufoɔ no hyɛ sukuu atadeɛ yi da biara de kɔ sukuu. sɛ ɛyɛ dwabɔ bi ase na asuafoɔ rekɔ nso dea, wɔhyɛ atadeɛ foforɔ a yɛka no borɔfo mu sɛ jacket a n'ahosuo no nso yɛ ahahan mono, ɛna yɛanwene sukuu no ahyɛnsodeɛ no atom. Kɔlɛgyi yi sane nso wɔ atadeɛ foforɔ a yɛfrɛ no borɔfo mu sɛ blazer (suit) a na wɔhyɛ firi afe apem ahankron aduanan nkron (1949) ahyɛaseɛ, ɛna wogyae hyɛ wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe (1980s) mu, afei wɔsane nso de baa bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) mu. Adusuafoɔ yi hyɛ kɔlɛgy no atadeɛ a ɛyɛ suit no de kɔ dwumabɔ biara ase, ɛbi te sɛ speech days ɛne graduation dwabɔ ase.

[15]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. [1] http://asantekingdom.org/history/asanteman/
  2. [2] Report on financial and physical problems of development in the Gold Coast, Dudley Seers, Claud Richard Ross,Office of the Govt Statistician, 1952
  3. [3] David Dunkley Gyimah (6 July 2007). "Amanfoo - Prempeh College". Archived from the original on 19 December 2021 – via YouTube.
  4. [4] "Prempeh College Is Producing More Scientist ..." www.ghanaweb.com. 30 November 2001.
  5. [5] http://ghanaculturepolitics.com/top-10-senior-high-schools-in-ghana-based-on-national-science-maths-quiz-winnings/
  6. [6] "History". Prempeh College. Retrieved 26 March 2015.
  7. [7] "10 Best Secondary Schools In Ghana The Last 10 Years, According To SSCE Scores". 3 February 2016.
  8. [8] "Achievements". home.amanfour.com.
  9. Close [9] Jackson, Iain; Holland, Jessica (16 March 2016). The Architecture of Edwin Maxwell Fry and Jane Drew: Twentieth Century Architecture, Pioneer Modernism and the Tropics. Routledge. ISBN 9781317044864 – via Google Books.
  10. "Coppin State's Joseph Amoah emerges as world-class sprinter, eyes representing Ghana at 2020 Olympics". Baltimore Sun.
  11. "de best born van information over sigh. Deze website is te koop!". ksigh.com. Retrieved 24 May 2012.
  12. 5 Times Kofi Jumah Showed that he is the Most Troublesome Kumasi Politician - NsromaMedia". 3 June 2016.
  13. "President John Agyekum Kufuor of Ghana". Joinafrica.com. Retrieved 24 May 2012.
  14. "Godfred Akoto Boafo | The Conversation, Citi FM (Accra, Ghana), Pasha - from The Conversation Africa Journalist | Muck Rack". muckrack.com. Retrieved 13 September 2021.
  15. "History". Prempeh College OLD Students of North America.