Mmogyammorosoɔ

Mmogyammorosoɔ (brɔfo kasa mu, Hypertension) ba abere a tumi a mogya de ba wo ntini afasu so no mu yɛ du dodo. Wɔde mercury milimita (mm Hg) na esusuw Mmogyammoroso na ɛwɔ afa abien: nhyɛso bere a koma no bɔ (systolic) ne nhyɛso anaa prɛsha bere a koma no home (diastolic).[1]Ghana no, wɔtaa hu akenkan a ɛyɛ 130/80 mm Hg anaa nea ɛboro saa sɛ Mmogyammoroso.[1][2][3]

Mfonyi a ɛkyerɛ sɛnea mmogyamorosoɔ haw nnipadua no

Ne hu

sesa

Mpɛn pii no, Mmogyammoroso mfa yare no ho sɛnkyerɛnne ankasa mma[4]. Nanso, ɛyɛ asiane titiriw a ɛde ɔyare a ɛma obi hwe ase(stroke), asaabo mu ntini mu yare, komayare, atiridiinini a ɛyɛ den, ntini a ɛwɔ akyi no mu yare, aniwa a ɛyera, asaabo mu yare a enni sabea, ne adwenemhaw ba.[5][6] Mmogyammorosoɔ yɛ ade titiriw a ɛma obi wu ntɛm wɔ wiase nyinaa.[1]

Nnipa a wɔwɔ Mmogyammorosoɔ wɔ Ghana nyinaa mu fã nnim sɛ wɔwɔ bi.[7] Wɔtaa hu Mmogyammoroso bere a wɔreyɛ akwahosan ho nhwehwɛmu anaasɛ bere a wɔrehwehwɛ akwahosan ho nhyehyɛe wɔ ɔhaw bi a ɛne no nni abusuabɔ ho no. Nnipa binom a wɔwɔ Mmogyammoroso bɔ amanneɛ sɛ wɔn ti yɛ wɔn yaw, na wɔn ti yɛ hare, wɔn adwene mu yɛ wɔn naa, wɔn aso yɛ biribi(aso a ɛyɛ gyegyeegye), wɔn ani a ɛsakra anaasɛ wɔtotɔ piti. Nanso, ebia saa sɛnkyerɛnne ahorow yi fa dadwen a ɛbata ho mmom sen Mmogyammoroso no ankasa.[8]

Ma ɛde ba

sesa

Nhyɛso a ɛkɔ soro fi awosu mu nneɛma ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ka ho tumi ma obi nya Mmoagyamorosoɔ. Nneɛma ahorow pii na ɛma Mmogyammoroso ba wɔ Ghana, a nea ɛka ho ne asetra kwan a wɔpaw te sɛ nkyene pii a wodi fi nnuan a wɔayɛ ne nea wɔde di dwuma wɔ amanne kwan so mu, apɔw-mu-teɛteɛ a ɛkɔ soro, ne nsa ne tawa a wɔnom pii.[9]

Bio nso, awosu mu nneɛma, kɛseyɛ mmoroso a ɛrenya nkɔanim, adwennwen a ɛkɔ soro wɔ nkurow akɛse ne nkuraase nyinaa, ne akwahosan tebea afoforo te sɛ asikyireyare ne asaabo mu yare nso ka na Mmogyammoroso abu so wɔ Ghana saa.[1]

Nsɔano

sesa

Sɛ wowɔ Mmogyammorosoɔ anaasɛ wo mogya mmoroso wɔ ɔfa a ɛkorɔn sen sɛnea ɛte daa a, asetra mu nsakrae bi a wobɛyɛ no betumi aboa ma woadi ho dwuma yiye a wunhia nnuru.[10] Fi ase di aduan a ahoɔden wom te sɛ nnuaba, nhabannuru, aburow a wɔayam, ne nufusu a srade nnim pii, bere a wotew nkyene, asikyire, ne nnuan a srade wom so no so.[11]

Apɔwmuteɛteɛ a wobɛyɛ daa nso ho hia, enti fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wode simma 30 bɛteɛteɛ w’apɔw mu nna dodow no ara wɔ dapɛn no mu, te sɛ nantew, mmirikatu, anaa asuguare.[11][12][13] Sɛ wukura mu duru a ɛfata a, ebetumi ama wo mogya so atew kɛse, na sɛ wo mu duru so tew kakraa bi mpo a, ebetumi ama nsakrae aba.

Ɛho hia nso sɛ wobɛtew nsa a wɔnom so na woagyae sigaretnom, efisɛ abien no nyinaa betumi ama Mmogyammoroso akɔ soro anaa aba.

Afei nso akwan pa a wobɛfa so adi adwennwen ho dwuma, te sɛ yoga a wobɛyɛ, adwennwen, anaa anigyede a wode wo ho bɛhyɛ mu no betumi aboa bio ma wo Mmogyammoroso akɔ fam[14]. Saa akwan a ɛnyɛ nnuru yi tu mpɔn kɛse wɔ Mmogyammoroso a wɔtew so na wɔhwɛ so no mu.[15][16]

Sua pii

sesa

Beaɛ a menyaa mmoa fii

sesa
  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Hypertension (in English), retrieved 2024-06-18
  2. Elliot Koranteng Tannor; et al. (2022-08-30), "Prevalence of Hypertension in Ghana, Analysis of an Awareness and Screening Campaign in 2019", Clinical Medicine Insights. Cardiology, vol. 16, p. 11795468221120092, retrieved 2024-06-18 {{citation}}: Explicit use of et al. in: |last= (help)
  3. WHF Roundtables on hypertension in Accra, Ghana (in British English), retrieved 2024-06-18
  4. CDC (2024-05-20), About High Blood Pressure (in American English), retrieved 2024-06-18
  5. Dennis H. Lau, Stanley Nattel, Jonathan M Kalman, Prashanthan Sanders (2017-08-08), "Modifiable Risk Factors and Atrial Fibrillation", Circulation (in English), vol. 136, no. 6, pp. 583–596, doi:10.1161/CIRCULATIONAHA.116.023163, ISSN 0009-7322, retrieved 2024-06-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. archive (2023-11-03), Global Atlas on cardiovascular disease prevention and control (PDF), archived from the original on 2014-08-17, retrieved 2024-06-18{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  7. Global report on hypertension: the race against a silent killer (in English), retrieved 2024-06-18
  8. Iain J Marshall, Charles D A Wolfe, Christopher McKevitt (2012-07-09), "Lay perspectives on hypertension and drug adherence: systematic review of qualitative research", The BMJ, vol. 345, pp. e3953, doi:10.1136/bmj.e3953, ISSN 0959-8138, PMC 3392078, PMID 22777025, retrieved 2024-06-18{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. admin (2023-05-25), The "Silent Killer" Tackling the Menace of Hypertension in Ghana Through Team-Based Care (in American English), retrieved 2024-06-18
  10. Hypertension guidelines, one year later: monitoring the change (in English), retrieved 2024-06-18
  11. 11.0 11.1 Mayo Clinic, 10 ways to control high blood pressure without medication
  12. The Best Exercise to Lower Your Blood Pressure? It's Not What You Think It Is (in English), 2023-10-26, retrieved 2024-06-18
  13. The 6 best exercises to control high blood pressure |, retrieved 2024-06-18
  14. UCL (2023-09-19), Relaxation and good sleep key to managing high blood pressure (in English), retrieved 2024-06-18
  15. 16 Simple Ways to Relieve Stress and Anxiety (in English), 2018-08-28, retrieved 2024-06-18
  16. How Yoga, Meditation and other Healing Arts can Affect Your Health (in American English), retrieved 2024-06-18