Mohammed Hardi Tufeiru

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mohammed Hardi Tufeiru
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth16 Kitawonsa 1969 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Dagbani Sesa
occupationAmanyɔni, consultant, auditor Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, University of Cape Coast Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Mohammed Hardi Tufeiru yɛ Ghana amanyɔni, na ɔka Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nson na ɔgyina mu ma Nanton mpɛsoa a ɛwɔ Apueɛ mantam ma NPP amanyɔkuo no.[1] ɔyɛ nnwomanimni a w'akɔ sukuu de abɛyɛ wɔn a wɔhwɛ sikasɛm so ne bi. ɔkɔɔ sukuu wɔ Institute of Chartered Accountant na ɔsane toaso kɔɔ biom wɔ University of Ghana sane kɔɔ bi nso wɔ University of Cape Coast. Mprenmpren yi deɛ ɔyɛ suafoɔ abɛdiakyire a wɔhwɛ afuoyɛ ne mmoa sɛm so.[2]

NE SUKUU sesa

Wɔnyaa ne GCE wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia na ɔtoaso so wɔ University of Cape Coast de kɔ pɛɛ nkrataa wɔ sikasɛm so wɔ mfe mpem mmienu mu. Wɔnyaa ne MBA wɔ sikasɛm mu wɔ mfe mpem mmienu ne nsia. ɔbɛkaa Institute of Chartered Accountant wɔ mfe mpem mmienu ne nkron. ɔbɛkaa nnwuma

kuo a wɔhyehyɛ sikasɛm mu.[3][4]

N'ADWUMA sesa

Hon. Mohammed Hardi Tufeiru na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ suapɔn mu de firi mfe mpem mmienu ne baako de kɔsi mfe mpem mmienu ne nsia wɔ Tamale Technical University na ɔsane yɛ panin a ɔda wɔn a ɔhwehwɛ sikasɛm mu de firi mfe mpem mmienu (2006) ne nsia de kɔsi mfe mpem mmienu ne du nsia (2016).[4] ɔyɛɛ panin no saa de firi mfe mpem mmienu ne nnwɔtwe de kɔsii mfe mpem mmienu ne du nsia de maa University of Development Studies ne Tamale Technical University. Wɔ Tamale Technical University no ne wɔn a wɔn a ɔsuadeɛ sane adwuma no na ɔkyerɛ ɔmo sika ho nsɛm, ɛtoɔ ne deɛ ɛkeka ho wɔ University of Cape Coast, University of Ghana ne Kwame Nkrumah University of Science and Technology.[2]

NE SUM Wɔ MMRAHYɛBɛDWAFIE sesa

Wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nson mu no na ɔyɛ abɛdiakyire de ma Public Accounts Committee na ɔsane dɔm Committee on Environment, Science and Technology. Na ɔyɛ African Parliamentary Union anamsini. Na ɔka Petroleum Commission Boards of Directors ho de firi mfe mpem mmienu ne du nson (2017) de kɔsii mfe mpem mmienu ne aduonu baako (2021). Na ɔka mpanimfoɔ a wɔ ɔhwɛ sikasɛm mu de maa Ghana Gas Company ne Local Goverment, Rural Development ne Decentralization mprempren mu wɔ mmrahyɛbɛdwafie.[2]

BEAEɛ A MENYAA MMOA FIRII sesa

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-05-24
  2. 2.0 2.1 2.2 Hon. Alhaji Hardi Tufeiru (Deputy Minister for Livestock ), retrieved 2023-05-24
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-05-24
  4. 4.0 4.1 Mohammed Hardi Tuferu, Biography, retrieved 2023-05-24