Nyinsɛn a asɛe

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
miscarriage
Nyarewa, symptom or sign, complications of pregnancy
subclass ofpregnancy with abortive outcome, reproductive system symptom Sesa
facet ofwomen's health Sesa
health specialtyobstetrics Sesa
ICPC 2 IDW82 Sesa
NCI Thesaurus IDC34336 Sesa

Nyinsɛn a asɛe (brɔfo kasa mu, Miscarriage) yɛ nyinsɛn a wɔhwere mpofirim ansa na awo bere aso[1][2]. Ɛtɔ mmere bi a wɔde asɛmfua nyinsɛn a asɛe di dwuma de kyerɛ nyinsɛn a wɔhwere ne nyinsɛn a wotu gu ansa na nyinsɛn no adi adapɛn 20.

Nyinsɛn a ɛseɛ ansa na dapɛn a ɛto so 20 adu no yɛ ade titiriw a ɛhaw adwene wɔ Ghana, na ɛka mmea ne mmusua pii.

Sɛnkyerɛnne

sesa

Wɔntaa nhu sɛ obi renya Nyinsɛn a asɛe. Wɔ Ghana no, nneɛma ahorow a ema wɔtum hu nye asenemu yaw a ɛtaa yɛ kɛse sen Afikyikɔ mu yareɛ yaw no, Ekyir dompe mu yaw, mogyatuo ne nyisɛn mu haw ahorow a emu yɛ den[3]. Ɛho hia sɛ wokɔ oduruyɛfo ntɛm ara sɛ saa sɛnkyerɛnne ahorow yi bi ba a, efisɛ ɛtɔ mmere bi a, sɛ wohu haw yi ntɛm a, ebetumi aboa asiw nsɛnnennen ebetumi aba no ano.

Ma ɛde ba

sesa

Nneɛma a ɛde nyinsɛn a ɛsɛe ba no bi ne ɔwofo a wanyin, nyinsɛn a wadi kan atu, tawanom, kɛseyɛ mmoroso, asikyireyare, thyroid ho haw, ne nnubɔne anaa nsa a ɔnom. Awosu mu nneɛma a ɛnteɛ, nkwaadɔm a ɛnkari pɛ, ne awotwaa mu nhyehyɛe ho nsɛm nso ka ho.

Nsɔano

sesa

Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi asiw Nyinsɛn a ɛseɛ ano denam ɔhwɛ pa a wɔyɛ ansa na wɔawo[4]. Ɛwom ɛnyɛ nyinsɛn a ɛsɛe nyinaa na wobetumi asiw ano de, nanso nneɛma bi betumi atew asiane no so. Asetra pa a wobɛkɔ so akura mu, tebea horow a enni sabea a wobedi ho dwuma, ne nneɛma a epira a wobɛkwati ho hia[2].

Afofor mmoa

sesa

Sɛ obi to nyinsɛn sɛe a, ebetumi ama wahaw kɛse wɔ nkate fam, a awerɛhow, adwenemhaw, ne dadwen ka ho. Mmoa a efi abusuafo, nnamfo, ne akwahosan ho adwumayɛfo hɔ ho hia kɛse ma oni yi atumi adi ne nkate mu no so. Afotu ne mmoa akuw betumi ama mmea anya baabi a ahobammɔ wɔ a wɔbɛka wɔn suahu ahorow, aka wɔn akoma ato wɔn yam na wɔagyina wɔn haw no ano[2].

Dawurobɔ

sesa

Nyinsɛn a ɛsɛe ho dawuro a wɔbɛma nkurɔfo ate ase no ho hia wɔ aman pii so titiriw wɔ Ghana na aboa ama mmea pii ate saa haw yi ase yie. Nkyerɛkyerɛ a ɛfa nea ɛde ba, sɛnkyerɛnne ahorow, ne nea wɔde siw ano ho no betumi ama mmea atumi ahwehwɛ ayaresa ne mmoa a ɛfata[5][6].

Sua pii

sesa

Beaɛ a menyaa mmoa fii

sesa
  1. MayoClinic, Miscarriage
  2. 2.0 2.1 2.2 Cleveland Clinic (2022-07-19), Miscarriage
  3. Bright Opoku Ahinkorah, Abdul-Aziz Seidu, Edward Kwabena Ameyaw, Eugene Budu, Freda Bonsu, Bupe Mwamba (2021-02-16), "Beyond counting induced abortions, miscarriages and stillbirths to understanding their risk factors: analysis of the 2017 Ghana maternal health survey", BMC Pregnancy and Childbirth, vol. 21, no. 1, p. 140, doi:10.1186/s12884-021-03633-8, ISSN 1471-2393, PMC 7885363, PMID 33593319, retrieved 2024-06-29{{citation}}: CS1 maint: PMC format (link) CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. Is There a Way to Prevent Pregnancy Loss (Before 20 Weeks of Pregnancy)? | NICHD - Eunice Kennedy Shriver National Institute of Child Health and Human Development (in English), 2017-09-01, retrieved 2024-06-29
  5. Samuel Kwaku Essien, Batholomew Chireh, Peter Kwabena Essien (2023-10-09), "Help-seeking behavior among miscarrying women with and without post-miscarriage health problems in Ghana", PLOS Global Public Health, vol. 3, no. 10, pp. e0002458, doi:10.1371/journal.pgph.0002458, ISSN 2767-3375, PMID 37812590, retrieved 2024-06-29 {{citation}}: Check |pmid= value (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. Madeline Will (2022-08-23), "Inside the Push to Include Miscarriages and Stillbirths in Teachers' Leave Policies", Education Week (in English), ISSN 0277-4232, retrieved 2024-06-29