Kwadwo Adjei Darko

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwadwo Adjei DarkoGhana amanyɔni a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani a na ɔgyina hɔ ma Sunyani Atoeɛ (Sunyani West) abatoɔ mpasoa so (Constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana (Brong Ahafo Region of Ghana).

Hon.
Kwadwo Adjei Darko
Member of Parliament for Sunyani West Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Member of Parliament for Sunyani West Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Member of Parliament for Sunyani West Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere10 May 1948 (1948-05-10) (age 75)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaArtist

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nwomasua sesa

Wɔwoo Adjei Darko wɔ Kɔnimaa bosome ne da a ɛtɔ so du wɔ afe apem aha-nkron ne aduannan-nwɔtwe (10th May ,1948).[1] Ɔnyaa suapɔn mu abɔdin krataa ɛdikan wɔ Oguaa anaa sɛ Cape Coast Suapɔn no mu( University of Ca pe Coast ).[1] Ɔnyaa Sukuupɔn abɔdin krataa a ɛdikan wɔ abɔdeɛ nyansapɛ abɔdin krataa Bachelor of Science Degree) wɔ Oguaa Suapɔn no mu (University of Cape Coast) na ɔbenee ne ho yie wɔ nwomasua mu.

Adwumayɔ sesa

Adjei Darko na n'adwuma a ɔyɛ ne ɔbia ɔyɛ mfone yɛ.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Adjei-Darko na ɔyɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina ɔmanfoɔ a ɔwɔ Sunyani Atoeɛ (Sunyani West )abatoɔ mpasoa so (Constituency) wɔ mmarahyɛbadwakuo a ɛtɔ so mmiɛnsa ne nnan wɔ Ɔman Ghana mu ( 3rd and 4th Parliament of Ghana) wɔ ɛyɛ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu (4th Republic of Ghana) .[2]Na ɔyɛ ɔsuafoɔ a ɔhwɛ fam agudie tuo so wɔ mfie mpem mmienu ɛne mfie mpem mmienu ne nwɔtwe mu( 2000 and 2008), na ɔsan nso yɛ ɔsuafoɔ a ɔhwɛ nkuro nketewa ne akɛseɛ mpontuo ɛne abɔdeɛ a atwa yɛn ho ahyia so wɔ Ghana mu a na ɔsan nso yɛ mmarahyɛbadwani wɔ Sunyani Atoeɛ abatoɔ mpɛsoa no so (Sunyani West Constituency).[3] W'ayɛ nnwuma pii aboa ma nkuro nketewa atu mpɔn wɔ Ɔman Ghana mu ɛnkaɛnka ne beaeɛ a yɛtu nkyene ne ɛfɔm agudeɛ a yɛ frɛ no sikaboɔ (Salt and Diamond). Nanso, ɛkɔpem Kɔtɔnimaa bosome no wɔ mfie mpem mmienu ne nkron no mu no (May 2009) na Adjei-Darko nnyɛ ɔssuafoɔ bio. Ɔbɔɔ ne ho mmɔden wɔ asuaeɛ ɛhwɛ mmaa so no maa wɔn mu nketeisia anaa sɛ maa bunu a na w'asi adwumaeɛ kwanso mu binom maa nyaa ahyɛn na mpo ɔse ɔno ara ne botoom sika tɔ bi maa wɔn mu bnom nso maa nyaa bi..

[4]

2000 Abatoɔ sesa

Adjei Darko wɔn dii nkae too aba maa no sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ mfie mpem mmienu Ghana ɔman mu abatoɔ no mu (2000 General Elections) wɔ Ghana.[4]Eno nti na ɔno ne Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Sunyani Atoeɛ (Sunyani West) abatoɔ mpɛsoa no so (Constituency) wɔ Ghana mmarahyɛbedwakuo a ɛtoso mmiensa (3rd Parliament of Ghana) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu (4th Republic of Ghana).[4] Wɔn too aba yii no ne mma mpem du-nnan, aha-nwɔtwe ne ne aduonu-mmiensa (14,823) de firii mma mpem aduonu-nson, aha-nwɔtwe ne aduo-wɔtwe nsia (27,886) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[4]Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduonum-mmiensa ne akyiripɔ mmienu (53.2%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Kwadwo Nyamekye-Marfo a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Kwaku Twumasi-Ankrah a na ɔno nso firi Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu, Kyei-Mensah Monica a na ɔno nso firi ɛyɛ National Reform Party (NRP) amanyɔkuo no mu,Patrick Obeng-Mensah a ɔno gyinaeɛ nkorɛankorɛ anaa kɔntenkorɔ sɛ yɛn nto ne so aba (independent candidate) ɛne Wilberforce Nabita Amoah a na ɔno nso firi ɛyɛ People's National Convention (PNC) amanyɔkuo no mu. Nea ɛdidisoɔ yi ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ mma mpem du-baako, ɔha baako ne du-baako (11,111 votes), mma aha-nsia ne aduonum (650 votes) mma aha-num na aduoson-nwɔtwe (578 votes) , mma aha-nan ne aduowɔtwe-nson (487 votes) ɛne aha-mmienu ne aduasa-nson (237 vtes) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[4] Wei nom ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, aduasa-nkron ne akyiripɔ nwɔtwe (39.8%), mmienu ne akyiripɔ mmiensa (2 .3%), mmienu ne akyiripɔ baako (2.1%), baako ne akyiripɔ nson (1.7%) ɛne hwee ne akyiripɔ nwɔtwe (0.8%) wɔ mma a wɔ gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[4] Adjei Darko wɔn too aba ma no kɔ yɛɛ Mmarahyɛbadwani wɔ ɛyɛ New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so[4]. Ne mpɛsoa (Constituency) no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a ɛyɛ New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo no nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) mu wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region of Ghana).[5][6] Wɔ ne nyinaa mu no New Patroitic Party(NPP) amanyɔkuo na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha (100) de firii ɛyɛ mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu (200) mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa (3rd Parliament of Ghana) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu (4th Republic of Ghana).[6]

2004 Elections sesa

Wɔn sanso too aba maa no biom sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Sunyani Atoeɛ (Sunyani West) abatoɔ mpɛsoa no so wɔ mfie mpem mmienu ne nwɔtwe Ɔmanmu Ghana abatoɔ no mu (2008 Ghanaian General Elections)[7][8] Na ɔsanso kɔ gyinaa mu sɛ Mmarahyɛbadwani de maa wɔ abatoɔ mpɛsoa no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nnan (4th Parliament of Ghana) wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu (4th Republic of Ghana). Na mma a wɔn to maa no de kɔɔ mmarahyɛbedwam no yɛ mpem aduonu, aha-mmiensa ne aduonum (20,350) na onyaa saa mma yi de firii mpem aduasa-nwɔtwe,ɔha ne aduowɔtwe-nwɔtwe (38,188) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu no nyinaa mu.[7][8] Na wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduonum-mmiensa ne akyiripɔ mmiensa (53.3%) wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mma a wɔn tooeɛ no mu na ɛyɛ pɛ 4,5 wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so,

Ahmed Boadan na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Gyabah Samuel a na ɔno nso firi ɛyɛ Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu, King Kingsford Fordjo na ɔfiri Democratic People's Party (DPP), Obiri Francis a ɔgyina sɛ ankorankoreɛ anaasɛ kontenkorɔ sɛ wɔn to ne so aba.[7][8] Wei ne mma a wɔn wɔn a wɔn too wɔnso aba no nyinaa nyaaeɛ mma mpem du-mmienu, aha-nwɔtwe ne aduasa-nsia (12,836 votes), aha-mmiensa ne mmienu (302 votes) , aha-mmienu ne nsia (206 votes), ɛne mpem nnan aha-nan ne aduokron-nnan (4,494 votes) wɔ mma wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[7][8] Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi so na ɛyɛ pɛ aduasa-mmiensa ne akyiripɔ nsia (33.6%) hwee ne akyiripɔ nwɔtwe (0.8%), hwee ne akyiripɔ num (0.5%), ɛne du-baako ne akyiripɔ nwɔtwe (11.8%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no ɛmu dodoɔ a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[7][8] Adjei Darko wɔn sanso too aba maa wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so.[7][8] Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo nyaa de mmarahyɛbadwam nkonwa aduonum-nan no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana wɔ saa abatoɔ no mu.[6] [9](Brong Ahafo region of Ghana). Wɔ ne nyinaa mu no New Patroitic Party (NPP) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu kɛseɛ a na ne dodoɔ nyinaa yɛ ɔha ne du-nan (144) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa no mu wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.[6]



Abrabɔ sesa

Adjei Darko yɛ kristoni.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Adjei-Darko#cite_note-:0-1
  2. htthe//en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Adjei-Darko#cite_note-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Adjei-Darko#cite_note-3
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 4.6 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kwadwo_Adjei-Darko#cite_note-:1-4
  5. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-28
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-28
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Sunyani West Constituency, retrieved 2022-09-28
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 8.4 8.5 Boyce, William, 1711-1779, composer., 8 symphonies, OCLC 1005739704, retrieved 2022-09-28{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-28