Yaa Asantewaa

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Yaa Asantewaa(About this soundpronounciation of "Yaa Asantewa" ) (wɔwoo no Ahinime bosome da a ɛtɔ so du-nson (17), wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduanan [1840]). Na ɔyɛ EjisuhemaaAsanteman mu a ɛka Ghana ho nnɛ da yi. Ne nua barima Nana Akwesi Afrane Okese a ɔyɛ Ejisuhene na ɔpaw no. Ɔdii Asantefoɔ ko a yɛfrɛ no sikadwa ko na yɛsan frɛ no Yaa Asantewaa ko a atia Abrɔfo a wɔdi yɛn so.[1]

Yaa Asantewaa
Awo bere
Yaa Asantewaa

17 October 1840
Besease, Ashanti Empire
Owu bere17 October 1921
Seychelles
Ne manAshanti Empire
N'adwumaQueenmother
Yɛnim no sɛYaa Asantewaa, Ejisu hemaa

Mfe a edi kanSesa

Wɔwoo no wɔ Besease wɔ afe apem ahanwɔtwe wɔ Ghana atɔe fam, na wɔyɛ mmɔfra mmienu na Yaa Asantewaa yɛ ba panin. Ne nua barima Afrane Panin bɛyɛɛ Ejisuhene kuro a ɛbɛn wɔn. Yaa Asantewaa nyinii no oduaa nnɔbae wɔ asase a ɛbɛn Boankra. Ɔkɔtɔɔ aware so na ɔnyaa babea.[2][3]

Owuu wɔ mfe apem ahankron ne aduonu baako (1921). Na ɔyɛ okuanni ne ɔbatan mapa. Ɔyɛ obi a n'adwene mu dɔ, amanyɔnni, banbɔnni, ɔhemmea,ne odikanfo. Yaa Asantewaa bɛgye din ɛnam sɛ odii Ashanteman anim ko tiaa Britishfoɔ bere a na wɔpɛ sɛ wɔgye Ashanteman Sika Dwa Kɔkɔɔ.[4][5]

Atuateɛ MfitiaseɛSesa

Berɛ a ne nua no di hene no, Yaa Asantewaa hunuu sɛ Asanteman nni daakye biara ɛnam nnoɔma bi ɛrekɔso a ɔmo ankasa ho ntɔkwa di mu akotene firi afe apem ahannwɔtwe aduowɔtwe mmi3nsa de kɔsi aduowɔtwe nwɔtwe so . Berɛ a ne nua no wuii wɔ afe apem ɔhanwɔtwe adukron nan so no ɔde ne tumi sɛ ɔhemaa paw ne nana sɛ Ejisuhene. Berɛ a abrɔfo no de no ne Asantehene Prempeh a ɔdi kan ne Asanteman mu mpanimfoɔ kɔtoo Sychelles no Yaa Asantewaa bɛdii mu wɔ Ejisu-Juaben mansini mu. Wɔbɔɔ Prempeh a ɔdi kan no baeɛ no, buroni a ɔdi ɔman Gold Coast so no Frederick Hodgson kaa sɛ ɔhia sika dwa no Asanteman ahyɛnso. Saa adesrɛdeɛ yi maa Asanteman mu mpanimfoɔ waka no kɔhyia sieɛ dwenee ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn hene ho ban berɛ a ɔreba no. Na nteaseɛ nni wɔn a wahyia ntam fa ɔkwan a wɔbɛfa so. Yaa Asantewaa a saa berɛ no na ɔwɔ hɔ sɔree de nsɛm wei too mpanimfoɔ a wahyia hɔ no ;

Now I have seen that some of you fear to go forward to fight for our king. If it were the brave days of Osei Tutu, Okomfo Anokye and Opuku Ware I, chiefs would not sit down to see their king taken without firing a shot. No white man could have dared to speak to the Chief of Asante in the way the governor spoke to you chiefs this morning. Is it true that the bravery of Asante is no more? I cannot believe it. It cannot be! I must say this: if you, the men of Asante, will not go forward, then we will. I shall call upon my fellow women. We will fight the white men. We
 will fight till the last of us falls on the battlefield.[6]

nansa yi mahunu sɛ mo mu bi suro s3 wɔbɛgyina ako agye wɔn hene. Sɛ nka ɛyɛ Ɔsei Tutu, ɔkɔmfo AnɔKye ne Opoku Ware mo akokuoduru pɛn so a nka ahemfo ntena hɔ nhwɛ sɛ yɛbɛfa wɔn hene a atuo biara nto. Nka buroni biara nni hɔ a ɔbɛtumi akasa sɛdeɛ ɔman panin kasa kyerɛɛ ahemfo anɔpa yi. Nti ɛyɛ ampa sɛ Asante akukuoduru no nni hɔ bio? ɛwɔ sɛ meka wei ; sɛ mo mmarima a mo wɔ Asante anni kan a ɛnneɛ yɛbɛdi kan. Mɛfrɛ me fɛfoɔ mmaa, yɛbɛko akɔ si sɛ yɛbɛku deɛ ɔbɛka wɔ ɔkono.

Asante mantam ahemfo bebree yii Yaa Asantewaa sɛ ɔnni Asante akofoɔ anim.

Baabi a menyaa mmoa fiiSesa

  1. [1] Appiah, Kwame Anthony, and Henry Louis Gates, Jr. (eds), Africana: The Encyclopedia of the African and African American Experience, p. 276.
  2. [2] Korsah, Chantal (22 July 2016). "Yaa Asantewaa". Dangerous Women. Retrieved 20 February 2017.
  3. https://dangerouswomenproject.org/2016/07/22/yaa-asantewaa/
  4. http://nanayaaasantewaa.de/who-is-nana-yaa-asantewaa/
  5. http://nanayaaasantewaa.de/who-is-nana-yaa-asantewaa/
  6. Venatius Oforka:The Bleeding Continent: How Africa Became Impoverished and Why It Remains Poor [1], 2015, Xlibris Corporation, ISBN 978-1-5144-2972-3. page 97